Leviticus 22:1-33

22  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ma Aaron ne ne mma aso nte sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Israelfo no akronkronne a wɔretew ho ama me+ no ho, na wonngu me din kronkron no ho fĩ.+ Mene Yehowa.  Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, sɛ ɛba sɛ mo asefo mu barima bi ho gu fĩ+ na ɔba akronkronne a Israelfo rebɛtew ho ama Yehowa no ho a, wontwa ɔkra a ɔte saa no mfi m’anim. Mene Yehowa.  Aaron mma no mu biara a ɔyare kwata+ anaa nea ne ho nsu sen+ rentumi nni akronkronne no bi kosi sɛ ne ho bɛtew,+ na ɔrentumi nni bere a ne ho aka obi a efunu* agu ne ho fĩ.+ Saa ara na ɔbarima a ne ho aba,+  anaa nea ne ho aka aboa a ɔwea fam a ne ho ntew+ anaa ne ho aka obi a biribi agu ne ho fĩ+ ntumi nni.  Ɔkra a ne ho bɛka biribi a ɛte saa no ho begu fĩ akosi anwummere, na ɛnsɛ sɛ odi akronkronne no bi gye sɛ ɔde nsu aguare.+  Sɛ owia kɔtɔ a, ne ho bɛtew ama watumi adi akronkronne no bi, efisɛ ɛyɛ n’aduan.+  Afei ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa nea aboa foforo atetew ne mu na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa.  “‘Wɔnhwɛ nni m’ahyɛde so na wɔanyɛ bɔne anwuwu,+ akronkronne a wɔagu ho fĩ nti. Me Yehowa na meretew wɔn ho. 10  “‘Nipahunu biara nnni akronkronne no bi,+ na ɔhɔho a ɔne ɔsɔfo te anaa ɔpaani biara nso nnni akronkronne no bi. 11  Nanso sɛ ɔsɔfo tew sika tɔ ɔkra bi a, saa nipa no betumi adi bi. Na akoa a wɔwoo no ne fie nso betumi adi n’aduan no bi.+ 12  Sɛ ɔsɔfo babea kɔware nipahunu bi a, ɔbea no ntumi nni afɔrebɔde kronkron no bi. 13  Nanso sɛ ɔsɔfo babea bɛyɛ okunafo anaa sɛ ne kunu gyaa no na onni mma a, sɛ ɛba sɛ ɔsan kɔtena ne papa fie te sɛ bere a na ɔyɛ abeawa+ no a, obetumi adi ne papa aduan+ no bi; na nipahunu de, ontumi nni bi. 14  “‘Sɛ ɛba sɛ obi nnim+ na odi ade a ɛyɛ kronkron a, ɛnde ɔmfa dekode no nkyem anum mu biako+ nka ho na ɔmfa akronkronne no mmrɛ ɔsɔfo no. 15  Enti wɔnhwɛ na wɔangu akronkronne a Israelfo de bɛbrɛ Yehowa no ho fĩ+ 16  na wɔanni wɔn akronkronne ansoa wɔn bɔne ho asotwe. Me Yehowa na meretew wɔn ho.’” 17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa ma wɔnte sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi+ nti Israelni anaa ɔhɔho a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ afɔre+ anaasɛ ɔno ara fi ne pɛ mu de ba+ sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa a, 19  nea ɛbɛyɛ na ayɛ nhyira+ ama mo no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini anaa odwennini anaa ɔpapo a ɔte apɔw.+ 20  Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ efisɛ ɛrenyɛ nhyira mma mo. 21  “‘Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde aboa bi bɛbɔ asomdwoe afɔre+ ma Yehowa de tua bɔhyɛ+ bi anaa sɛ ɔno ara fi ne pɛ mu de ba a, ɔmfa oguan anaa nantwi a ɔte apɔw a dɛm biara nni ne ho mmra na ayɛ nhyira ama no. 22  Mommfa nea n’ani abɔ anaa nea ne dompe mu abu anaa nea biribi atwa no anaa nea ne ho atutu akuru anaa nea wadɔ ntwom anaa nea ɛyam ayɛ no+ mmmrɛ Yehowa, na mommfa eyinom biara nnto afɔremuka so mmmɔ ogya afɔre+ mmma Yehowa. 23  Sɛ nantwi anaa oguan bi akwaa bi ware anaa ɛyɛ tia dodo a,+ mubetumi de abɔ afɔre sɛ biribi a efi mo ara mo pɛ mu, nanso sɛ mode tua bɔhyɛ bi a, nhyira biara nni so. 24  Na aboa a wɔapae ne hwewa+ anaa wɔapɛtɛw no anaa wɔatew afi hɔ anaa wɔatwa de, mommfa mmma Yehowa anim, na mommfa mmmɔ afɔre wɔ mo asase so baabiara. 25  Munnnye eyinom biara mmfi ɔhɔho nsam sɛ mo Nyankopɔn aduan, efisɛ wɔn ho ahura. Wɔadi dɛm.+ Nhyira biara nni so+ mma mo.’” 26  Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: 27  “Sɛ nantwi anaa oguan anaa abirekyi wo a, ne ba no ntena ne maame nkyɛn nnanson,+ na efi da a ɛto so awotwe rekɔ no, mubetumi de no abɔ ogya afɔre ama Yehowa ama n’ani asɔ. 28  Munnkum nantwi anaa oguan ne ne ba nyinaa da koro.+ 29  “Sɛ mobɔ aseda afɔre ma Yehowa+ a, mommɔ no sɛnea n’ani bɛsɔ. 30  Saa da no ara munni.+ Munnnyaw bi mmma ade nnkye so.+ Mene Yehowa. 31  “Monkora m’ahyɛde so na munni so.+ Mene Yehowa. 32  Munngu me din kronkron no ho fĩ,+ na mmom wɔntew me din ho wɔ Israelfo mu.+ Me Yehowa na meretew mo ho.+ 33  Me na miyii mo fii Egypt asase so de kyerɛe sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔkra a wawu.”