Leviticus 23:1-44

23  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo ma wɔnte sɛ, ‘Yehowa afahyɛ+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuru+ no yɛ nhyiam kronkron. M’afahyɛ ahorow no ni:  “‘Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ homeda a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwuma biara. Baabiara a mobɛtena no, monkae sɛ ɛyɛ homeda ma Yehowa.+  “‘Eyinom ne Yehowa afahyɛ ahorow,+ nhyiam kronkron+ no, na ne bere sõ+ a mommɔ no dawuru:  Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan+ no anwummere yɛ Yehowa twam+ afahyɛ.  “‘Saa ɔsram no da a ɛto so dunum no yɛ paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ ma Yehowa.+ Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+  Da a edi kan no yɛ mo nhyiam kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.  Nanso mommɔ ogya afɔre mma Yehowa nnanson. Na da a ɛto so ason no yɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.’”  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ munya du asase a mede ama mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo nnɔbae a edi kan+ no atifi biako mmrɛ ɔsɔfo no. 11  Afei onhim aba a wɔde aba no+ wɔ Yehowa anim na moanya nhyira. Ɔsɔfo no nhim no da a edi homeda so no. 12  Na da a mobɛma wɔahim aba no, momfa odwennini kumaa a wadi afe biako mmra mma wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa. 13  Afei momfa ngo mfɔtɔw esiam muhumuhu efa nkyem du mu abien mmɛbɔ aduan afɔre, ogya afɔre huamhuam, mma Yehowa. Na momfa nsã hin nkyem anan mu biako mmɛbɔ nsã afɔre. 14  Munnni paanoo anaa nkyewe anaa awi foforo biara kosi saa da yi+ a mode mo ayɛyɛde bɛba mo Nyankopɔn anim no. Baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 15  “‘Homeda no akyi da a edi hɔ no, da a mode aba atifi biako bɛba abɛbɔ ohim afɔre no, monkan homeda ason mfi saa da no.+ Ɛsɛ sɛ ɛyɛ adapɛn ason pɛpɛɛpɛ. 16  Monkan adaduonum, na eyi bɛkɔ akosi da a edi homeda a ɛto so ason no akyi.+ Na momfa aduan afɔre foforo+ mmrɛ Yehowa. 17  Baabi a mote biara, momfa paanoo abien+ mmɛbɔ ohim afɔre. Momfa esiam muhumuhu a mmɔkaw wom+ efa nkyem du mu abien ntõ sɛ aba a edi kan mma Yehowa.+ 18  Momfa nguammaa anini ason+ a wɔadi afe afe a wɔte apɔw ne nantwinini kumaa biako ne adwennini abien nka paanoo no ho mmra. Wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa nka aduan ne nsã afɔre no ho sɛ ogya afɔre huamhuam mma Yehowa. 19  Momfa abirekyi ba+ biako mmɔ bɔne ho afɔre na momfa nguammaa abien a wɔadi afe afe mmɔ asomdwoe afɔre.+ 20  Na ɔsɔfo no mfa nguammaa abien no nka paanoo a wɔde aba a edi kan yɛe no ho nhim+ sɛ ohim afɔre mma Yehowa. Ɛyɛ Yehowa akronkronne a ɛbɛyɛ ɔsɔfo no dea.+ 21  Mommɔ dawuru+ da no ara mma wɔnte sɛ da no yɛ mo nhyiam kronkron. Monnyɛ adwumaden biara. Baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 22  “‘Sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, ɛnsɛ sɛ mutwa nea ɛwɔ afuw no anoano no nyinaa, na mutwa wie nso a, ɛnsɛ sɛ mosesaw nea aka ase no.+ Munnyaw mma wɔn a ahia wɔn+ ne ahɔho a wɔte mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’” 23  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24  “Ma Israelfo aso nte sɛ, ‘Ɔsram a ɛto so ason+ no da a edi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiam kronkron+ a wɔbɛhyɛn torobɛnto+ de akae. 25  Monnyɛ adwumaden biara, mmom mommɔ ogya afɔre mma Yehowa.’” 26  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 27  “Ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so du no yɛ mpata da.+ Ɛyɛ mo nhyiam kronkron, na mo kra nni awerɛhow+ na mommɔ ogya afɔre+ mma Yehowa. 28  Na monnyɛ adwuma biara saa da yi, efisɛ ɛyɛ mpata da a wɔbɛpata+ ama mo wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim. 29  Ɔkra biara a wanni awerɛhow saa da no, wobetwa no afi ne man mu.+ 30  Na ɔkra biara a ɔbɛyɛ adwuma bi saa da no, mekum no afi ne man mu.+ 31  Monnyɛ adwuma biara.+ Na baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 32  Ɛyɛ homeda a mobɛhome koraa,+ na ɔsram no da a ɛto so akron anwummere no, mo kra nni awerɛhow.+ Munni homeda no mfi anwummere nkosi anwummere.” 33  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 34  “Ma Israelfo aso nte sɛ, ‘Ɔsram a ɛto so ason yi da a ɛto so dunum no yɛ asese afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bedi.+ 35  Da a edi kan no yɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwumaden biara. 36  Mommɔ ogya afɔre mma Yehowa nnanson. Da a ɛto so awotwe no yɛ mo nhyiam kronkron,+ na mommɔ ogya afɔre mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiam titiriw. Monnyɛ adwumaden biara. 37  “‘Eyinom ne Yehowa afahyɛ ahorow+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuru sɛ nhyiam kronkron+ a mobɛbɔ ogya afɔre+ ama Yehowa: Ɔhyew afɔre+ ne aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ sɛnea wɔahyehyɛ ama da biara. 38  Ɛsono afahyɛ ahorow yi na ɛsono Yehowa homeda,+ mo ayɛyɛde,+ mo bɔhyɛ afɔre,+ ne afɔre a mufi mo pɛ mu bɔ+ ma Yehowa no nyinaa. 39  Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum, bere a moaboaboa mo asase so nnɔbae ano no, munni Yehowa afahyɛ+ no nnanson.+ Da a edi kan ne da a ɛto so awotwe no ɛsɛ sɛ mohome koraa.+ 40  Da a edi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne berɛw+ ne dua mmãã a ahaban wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na munni ahurusi+ Yehowa mo Nyankopɔn anim nnanson. 41  Ɛyɛ Yehowa afahyɛ a ɛsɛ sɛ mudi no nnanson afe biara.+ Eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu; ɔsram a ɛto so ason mu na munni afahyɛ no. 42  Montena asese mu nnanson.+ Israel man mma nyinaa ntenatena asese mu+ 43  na ama mo nkyirimma ahu+ sɛ asese mu na memaa Israelfo tenatenae bere a miyii wɔn fii Egypt asase so no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’” 44  Enti Mose kaa Yehowa afahyɛ ahorow+ no ho asɛm kyerɛɛ Israelfo no.

Ase Hɔ Nsɛm