Leviticus 25:1-55

25  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Bepɔw Sinai so sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ mudu asase a mede ama mo+ no so a, asase no nni homeda mma Yehowa.+  Momfa mfe asia nnua mo mfuw mu aba, na momfa mfe asia nsiesie mo bobe nturo, na mommoaboa asase no so nnɔbae ano.+  Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegye bere ma Yehowa. Munnnua aba biara, na munnsiesie mo bobeturo nso.  Munntwa aba a ɛno ara fifii asase no so anaa bobe a wɔansiesie ho a asow no. Afe mũ no nyinaa munnyaw asase no na ɛnhome.  Asase a ɛrehome no bɛma mo aduan, mo ne mo nkoa ne mo mfenaa ne apaafo ne atubrafo, ahɔho a wɔabɛsoɛ mo,  ne mo afieboa ne wuram mmoa a wɔwɔ mo asase no so. Asase no so aba nyinaa yɛ wɔn aduan.  “‘Na monkan ɔhome mfe ason, mfe ason ahorow ason, na ɔhome mfe ason no dodow bɛyɛ mfe aduanan akron.  Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du+ no, momma wɔnhyɛn abɛn denneennen.+ Saa da no yɛ mpata da,+ na momma wɔnhyɛn abɛn wɔ mo asase so baabiara. 10  Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+ 11  Afe a ɛto so aduonum no bɛyɛ mo Ahofadi afe.+ Munnnua aba biara, na munntwa aba a ɛno ara fifii asase no so anaa bobe a wɔansiesie ho a asow no.+ 12  Ɛyɛ Ahofadi afe, na ɛnyɛ kronkron mma mo. Munni asase no so aba.+ 13  “‘Mo mu biara nsan nkɔ n’agyapade so wɔ Ahofadi afe yi mu.+ 14  Sɛ motɔn agyapade bi ma mo yɔnko anaa motɔ biribi fi ne hɔ a, monhwɛ na obiara ansisi ne yɔnko.+ 15  Wobɛhwɛ mfe dodow a atwam fi Ahofadi afe no so na woatɔ agyapade afi wo yɔnko hɔ, na ɔbɛhwɛ mfe dodow a wode betwa so aba na watɔn ama wo.+ 16  Sɛ asase no bɛba abedi wo nsam mfe pii a, ɛsɛ sɛ ɔma ne bo kɔ soro,+ na sɛ ɛbɛyɛ mfe kakraa bi a, ɛsɛ sɛ ɔtew bo no so, efisɛ nnɔbae a wubenya wɔ so na ɔretɔn ama wo. 17  Obiara nnsisi ne yɔnko,+ na munsuro mo Nyankopɔn,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ 18  Enti munni m’ahyɛde so na monkora m’atemmusɛm so na momfa mmɔ mo bra. Ɛba saa a, mobɛtena asase no so dwoodwoo.+ 19  Na asase no bɛma ne nnɔbae,+ na mubedidi amee atena so dwoodwoo.+ 20  “‘Nanso ebia mobɛka sɛ: “Yɛannua aba biara ammoaboa nnɔbae ano, na dɛn na yebedi afe a ɛto so ason no mu?”+ 21  Ɛnde munhu sɛ mɛma me nhyira aba mo so afe a ɛto so asia no mu, na ɛbɛsow mfe abiɛsa nnɔbae.+ 22  Afe a ɛto so awotwe no munnua aba, na mubedi aduan a ɛwɔ hɔ dedaw no akosi afe a ɛto so akron no. Enti ansa na mubetwa nnɔbae foforo no, mobɛkɔ so adi dedaw no. 23  “‘Enti monntɔn asase no korakora,+ efisɛ asase no yɛ me dea.+ Na m’ani so de, moyɛ ahɔho ne atubrafo.+ 24  Na asase a mudi so nyinaa, momma kwan mma asase biara wura nsan ntɔ n’ade.+ 25  “‘Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn n’agyapade bi a, ne busuani a ɔbɛn no nso mmɛtɔ nea ne nua no atɔn no.+ 26  Nanso sɛ onni busuani biara a obetumi asan atɔ na akyiri yi biribi ba ne nsam a ebetumi atua ka no a, 27  ɔnsese mfi afe a ɔtɔnee no na ɔmfa sika a aka biara mma nea ɔtɔɔ agyapade no, na ɔnsan mfa n’ade.+ 28  “‘Na sɛ onni sika a ɔde bɛsan agye n’agyapade no a, ɛbɛkɔ so atena nea ɔtɔe no hɔ akosi Ahofadi afe+ no. Ahofadi afe no du a, n’agyapade no bɛsan abedi ne nsam.+ 29  “‘Sɛ obi tɔn fie wɔ kurow a wɔato ho fasu mu a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’ade afe biako ntam. Afe biako na ɔwɔ hokwan sɛ obetumi abetua ka asan agye n’ade.+ 30  Nanso sɛ wantumi antɔ na afe so a, ofie a ɛwɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu yi bɛyɛ nea ɔtɔe no dea korakora, n’awo ntoatoaso nyinaa mu. Sɛ Ahofadi afe no du mpo a, ɛremfi ne nsam. 31  Nanso afie a ɛwowɔ nkuraase a afasu nni ho no de, wommu no sɛ ɛka afusase ho. Ofie no wura wɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’ade,+ na sɛ amma saa mpo a, Ahofadi afe+ no du a, wobegyaa mu ama no. 32  “‘Na Lewifo afie a ɛwowɔ wɔn nkurow mu+ no de, sɛ wɔtɔn a, wɔwɔ hokwan sɛ wɔsan nya wɔn ade bio bere biara a wɔn ahoboa bɛso.+ 33  Sɛ ɛba sɛ Lewini bi ansan antɔ ne fie a watɔn wɔ kurow a odi so no mu a, ɛnde sɛ Ahofadi afe+ no so a, wobegyaa mu ama no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Lewifo afie a ɛwowɔ wɔn kurom no ne agyapade a wɔde ama wɔn wɔ Israel.+ 34  Na wɔn nkurow ho mfikyisase+ a mmoa bedidi so no de, wɔrentumi ntɔn, efisɛ ɛyɛ agyapade a wɔde ama wɔn daa. 35  “‘Sɛ ehia wo nua ma ne ho kyere no+ a, boa no.+ Na ma ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔho ne otubrafo.+ 36  Nnye mfɛntom anaa apempensika mfi ne hɔ,+ na suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no ntena wo nkyɛn. 37  Woma no sika a, nnye mfɛntom,+ na woma no aduan a, nnye apempensika. 38  Mene Yehowa mo Nyankopɔn, na me na miyii mo fii Egypt asase so sɛ mede Kanaan asase+ bɛma mo na ama moahu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ 39  “‘Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn ne ho ma wo+ a, mfa no nyɛ nkoadwuma.+ 40  Mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani+ anaa otubrafo. Na ɔnsom wo nkosi Ahofadi afe no so. 41  Afei ɔne ne mma nyinaa mfi wo nkyɛn nkɔ n’abusuafo nkyɛn, na ɔnsan nkɔfa agyapade a n’agyanom gyaw maa no+ no. 42  Wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Egypt asase so.+ Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho sɛnea wɔtɔn akoa. 43  Nteetee no na nni n’ani,+ na suro wo Nyankopɔn.+ 44  W’akoa anaa w’afenaa befi amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no mu. Wɔn nkyɛn na ɛsɛ sɛ motɔ akoa anaa afenaa biara. 45  Afei nso mubetumi atɔ ahɔho a wɔabɛtena mo nkyɛn+ no bi mma anaa abusuafo a wɔanya wɔn wɔ mo asase so no bi na wɔabɛyɛ mo agyapade. 46  Wɔyɛ agyapade a mubegyaw ama mo mma na wɔayɛ wɔn dea daa.+ Momma wɔnyɛ adwuma mma mo, na mo nuanom Israelfo de, monhwɛ na moanteetee wɔn anni wɔn ani.+ 47  “‘Na sɛ ɛba sɛ biribi ba ɔhɔho anaa otubrafo a ɔne wo te no nsam na ehia wo nua ma enti ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho anaa otubrafo no anaa ɔhɔho no busuani bi a, 48  ne tɔn+ akyi no, hokwan wɔ hɔ sɛ wɔsan gye no.+ Ne nuanom mu biako betumi asan atɔ no afi hɔ.+ 49  Ne papa nua anaa ne papa nua ba anaa ne busuani biara+ betumi abetua agye no aba fie. “‘Sɛ nso biribi ba ɔno ankasa nsam a, obetumi atua ka no ade ne ho.+ 50  Ɔne nea ɔtɔɔ no no mmu akontaa mfi bere a ɔtɔɔ no no nkosi bere a Ahofadi afe+ no bedu, na mfe dodow a ɛwom no na ɛbɛkyerɛ ne bo.+ Ɔne no nni sɛnea ɔne ɔpaani di.+ 51  Sɛ mfe a aka no dɔɔso a, ɛnde ɔnhwɛ nea aka no so na ɔnnan sika a wɔde tɔɔ no no bi mma nea ɔtɔɔ no no na onnye ne ho. 52  Sɛ nso aka mfe kakraa bi na Ahofadi afe+ no adu a, ɛnde ommu nea aka no ho akontaa. Na ɔnhwɛ mfe a aka no so ntua sika mma nea ɔtɔɔ no no na onnye ne ho. 53  Ɔne no nni te sɛ ɔpaani+ a ɔyɛ adwuma ma no afe afe. Nhwɛ mma ne wura nnteetee no.+ 54  Nanso sɛ wantumi annye ne ho saa kwan yi so mpo a, Ahofadi afe+ no bedu ama ɔne ne mma ade wɔn ho. 55  “‘Me na Israelfo yɛ me nkoa. Wɔyɛ me nkoa+ a miyii wɔn fii Egypt asase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm