Leviticus 3:1-17

3  “‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde nantwi bɔ asomdwoe afɔre+ a, onini oo, ɔbere oo, ɔmfa nea ɔte apɔw+ mmra Yehowa anim.  Ɔmfa ne nsa nto aboa no mpampam,+ na wonkum no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma asɔfo no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.  Na ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre no bi mmɔ ogya afɔre mma Yehowa: srade+ a ɛsensɛn ne nsono ho no nyinaa,+  ne asaabo abien+ no ne ɛho srade, nea ɛwɔ n’asen mu no. Onyi berɛbo no ho srade nka asaabo no ho.  Na Aaron mma+ no nhyew+ wɔ afɔremuka no so nka ɔhyew afɔre nkae a ɛwɔ ogya no so+ nnyina no so no ho. Ɛyɛ ogya afɔre huamhuam+ ma Yehowa.  “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguan bɛbɔ asomdwoe afɔre ma Yehowa a, onini oo, ɔbere oo, ɔmfa nea ɔte apɔw+ mmra.  Sɛ ɔde odwennini kumaa rebɛbɔ afɔre a, ɔmfa mmra Yehowa anim.+  Ɔmfa ne nsa nto aboa no mpampam,+ na wonkum no+ ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia.  Na ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoe afɔre no srade mmɔ ogya afɔre mma Yehowa.+ Onyi ne dua tufuu+ no nkosi n’akyi, ne srade a ɛsensɛn ne nsono ho+ nyinaa, 10  ne asaabo abien no ne ɛho srade, nea ɛwɔ n’asen mu no. Na onyi berɛbo no ho srade+ nka asaabo no ho. 11  Na ɔsɔfo no nhyew+ wɔ afɔremuka no so sɛ aduan.+ Ɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 12  “‘Na sɛ ɔde abirekyi+ rebɛbɔ afɔre a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 13  Ɔmfa ne nsa nto aboa no mpampam,+ na wonkum+ no ahyiae ntamadan no ano, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔremuka no so nhyia. 14  Ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ afɔre no bi mmɔ ogya afɔre mma Yehowa sɛ n’ayɛyɛde: ne nsono ho srade nyinaa,+ 15  ne asaabo abien no ne ɛho srade, nea ɛwɔ n’asen mu no. Na onyi berɛbo no ho srade nka asaabo no ho. 16  Afei ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so sɛ aduan. Ɛyɛ afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew. Srade no nyinaa yɛ Yehowa dea.+ 17  “‘Munnni srade anaa mogya biara.+ Ɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa mo awo ntoatoaso nyinaa mu wɔ mo tenabea nyinaa.’”

Ase Hɔ Nsɛm