Leviticus 4:1-35

4  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ ɔkra+ bi ani nna ne ho so na ɔfom+ kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛho asɛm ni:  “‘Sɛ ɔsɔfo a wɔasra no+ yɛ bɔne+ bi na ɔde mmusu ba ɔman no so a, ɛnde ɔmfa nantwinini kumaa a ɔte apɔw mmɔ ne bɔne+ no ho afɔre mma Yehowa.  Ɔmfa nantwi no mmra ahyiae ntamadan no ano+ wɔ Yehowa anim na ɔmfa ne nsa nto aboa no mpampam,+ na onkum no wɔ Yehowa anim.  Na ɔsɔfo no, nea wɔasra no+ no, mfa nantwi no mogya no bi mmra ahyiae ntamadan no mu.  Afei ɔsɔfo no mfa ne nsateaa+ mmɔ mogya no mu na ɔmpete mogya no bi mpɛn ason+ wɔ Yehowa anim, kronkronbea no ntwamutam no anim.  Aduhuam muka no wɔ Yehowa anim wɔ ahyiae ntamadan no mu, na ɔsɔfo no mfa mogya no bi nsosɔ mmɛn+ a etuatua ho no so. Afei onhwie nantwi no mogya a aka nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase.+ Saa afɔremuka yi na esi ahyiae ntamadan no ano no.  “‘Onyi nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no nsono ho srade, nea ɛkata ne nsono ho nyinaa,+  ne asaabo abien no ne ɛho srade, nea ɛwɔ n’asen mu no. Afei onyi berɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 10  Ɛte sɛ nea woyi fi nantwi a wɔde bɔ asomdwoe afɔre+ ho no. Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no so.+ 11  “‘Na nantwinini no nhoma, ne nam nyinaa ne ne ti ne ne nnyawa ne ne nsono ne ne bin,+ 12  kyerɛ sɛ nantwi mũ no nyinaa de, ɔmfa nkɔ nsraban no akyi+ faako a ɛhɔ tew, baabi a wɔde nsõ+ gu no, na ɔmfa ngu ogya so nhyew.+ Enti wɔbɛhyew wɔ baabi a wɔde nsõ gu no. 13  “‘Afei sɛ Israel asafo mũ no nyinaa fom+ na asafo no nnim sɛ wɔayɛ nea Yehowa ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa bi a, ɛde asodi bɛto wɔn so,+ 14  na sɛ wobehu bɔne a wɔayɛ+ no a, asafo no mfa nantwinini kumaa biako mmɛbɔ bɔne ho afɔre. Wɔmfa aboa no mmra ahyiae ntamadan no ano. 15  Na asafo no mu mpanyimfo mfa wɔn nsa ngu nantwi no mpampam+ wɔ Yehowa anim, na wonkum nantwi no wɔ Yehowa anim. 16  “‘Afei ɔsɔfo a wɔasra no+ no mfa nantwi no mogya no bi mmra ahyiae ntamadan no mu.+ 17  Na ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mpete mpɛn ason wɔ Yehowa anim, ntwamutam+ a ɛsɛn hɔ no anim. 18  Na ɔmfa mogya no bi nsosɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no mmɛn no so wɔ ahyiae ntamadan no mu. Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so+ no ase wɔ ahyiae ntamadan no ano. 19  Onyi ne srade nyinaa na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so.+ 20  Sɛnea ɔyɛɛ nantwinini biako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no, saa ara na ɔnyɛ nantwinini yi nso. Saa kwan no ara so na ɔmfa. Ɔsɔfo no mpata+ mma wɔn, na wɔde befiri wɔn. 21  Ɔmfa nantwi no nkɔ nsraban no akyi nkɔhyew sɛnea ɔhyew nantwi a odi kan no.+ Ɛyɛ asafo no bɔne ho afɔre.+ 22  “‘Sɛ mpanyimfo+ no bi ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ obiara nnyɛ+ no bi ma ɛde asodi bɛto no so, 23  anaa wɔma ohu sɛ watõ mmara+ a, ɛnde ɔmfa ɔpapo+ kumaa a ɔte apɔw mmɛbɔ afɔre. 24  Ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no mpampam+ na onkum no wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no wɔ Yehowa anim no.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre.+ 25  Na ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ mmɛn+ a etuatua afɔremuka no ho no so, nea wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no. Afei onhwie mogya a aka no ngu afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ase. 26  Na ɔnhyew ne srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so,+ sɛnea ɔyɛɛ aboa a ɔde no bɔɔ asomdwoe afɔre no srade no. Ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne,+ na wɔde befiri no. 27  “‘Sɛ ɔkra bi wɔ asase no so na n’ani nna ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi ma ɛde asodi bɛto no so,+ 28  anaa wɔma ohu sɛ watõ mmara a, ɛnde ɔmfa abirekyi bere kumaa+ a ɔte apɔw mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre. 29  Ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mpampam,+ na onkum no wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no.+ 30  Na ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmfa nsosɔ mmɛn+ a etuatua afɔremuka no ho no so, nea wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no. Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka no ase.+ 31  Na onyi ne srade no nyinaa+ sɛnea oyii aboa a ɔde bɔɔ asomdwoe afɔre+ no srade no. Ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam mma Yehowa.+ Na ɔsɔfo no mfa mpata mma no, na wɔde befiri no.+ 32  “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguammaa+ bɛbɔ bɔne ho afɔre a, ɔmfa ɔbere kumaa a ɔte apɔw+ mmra. 33  Ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mpampam, na onkum no mfa mmɔ bɔne ho afɔre wɔ faako a wokum mmoa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no.+ 34  Na ɔsɔfo no mfa ne nsateaa mmɔ aboa a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no mogya mu, na ɔmfa nsosɔ mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so, nea wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no.+ Afei onhwie mogya a aka no nyinaa ngu afɔremuka no ase. 35  Onyi ne srade nyinaa sɛnea wɔde odwennini kumaa bɔ asomdwoe afɔre a woyi ne srade no, na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so wɔ ogya afɔre a wɔbɔ ma Yehowa no so.+ Ɔsɔfo no mpata+ mma ne bɔne, na wɔde befiri no.+

Ase Hɔ Nsɛm