Leviticus 5:1-19

5  “‘Sɛ ɔkra+ bi te sɛ obi reka ntam,+ na ɔyɛ asɛm a asi* no ho dansefo anaasɛ ohui anaa nso onim ho biribi na wanka+ a, wayɛ bɔne na ɛsɛ sɛ ɔsoa ne bɔne.  “‘Anaa sɛ ɔkra bi ho ka biribi a ɛho ntew, wuram aboa a ne ho ntew funu oo, ayɛmmoa a ne ho ntew funu oo, aboa a ɔwea a ne ho ntew funu+ oo, sɛ onnim+ mpo a, ne ho agu fĩ na asodi da no so.+  Anaa sɛ ne ho ka obi a ne ho agu fĩ anaa biribiara a ebetumi agu onipa ho fĩ+ a, sɛ onnim mpo na akyiri yi obehu a, asodi da no so.  “‘Anaa sɛ ɔkra bi ka ntam, de ano hunu pere ne ho ka ntanhunu+ sɛ ɔbɛyɛ biribi a, ntam+ biara a ɔde ano hunu kae no, bɔne+ oo, papa oo, sɛ onnim mpo na akyiri yi obehu a, ɛho asodi da no so.  “‘Sɛ ɛba sɛ odi fɔ wɔ asɛm yi mu biara ho a, ɔnka ne bɔne.+  Na bɔne a wayɛ nti, ɔmfa oguan anaa abirekyi bere+ kumaa mmɛbɔ n’asodi afɔre+ wɔ Yehowa anim; na ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne.+  “‘Na sɛ ne nsa nsõ oguan+ so a, ɔmfa mmuruburuw abien+ anaa mmorɔnoma mma abien mmɛbɔ n’asodi afɔre mma Yehowa, bɔne a wayɛ no nti. Ɔmfa biako mmɔ bɔne ho afɔre,+ na ɔmfa biako nso mmɔ ɔhyew afɔre.  Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na onni kan mfa nea ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mmra na onso ne mene nkyim+ ne ti, nanso ɔnntew mmfi so koraa.  Na ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no mogya no bi mpete afɔremuka no ho, na ɔnsɔn mogya a aka no ngu afɔremuka no ase.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 10  Ɔde biako a aka no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔbɔ daa+ no; na ɔsɔfo no mpata+ mma ne bɔne, na wɔde befiri no.+ 11  “‘Nanso sɛ ɔrennya+ mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien a, ɔmfa esiam muhumuhu efa susude nkyem du+ mu biako mmra mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre. Mma ɔmmfa ngo nngu so,+ na ɔmmfa ɛhyɛ nnka ho; ɛyɛ bɔne ho afɔre.+ 12  Ɔmfa mmrɛ ɔsɔfo no, na ɔsɔfo no nsaw ne nsa mã nhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade.+ Ɔnhyew wɔ afɔremuka no so wɔ ogya a wɔhyew ma Yehowa no so.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre.+ 13  Na ɔsɔfo no mpata+ mma no wɔ bɔne yi mu biara a wayɛ ho, na wɔde befiri no; na nea ɛbɛka no yɛ ɔsɔfo no dea+ te sɛ aduan afɔre no.’” 14  Afei Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 15  “Sɛ ɛba sɛ ɔkra bi anni nokware na ɔyɛ bɔne tia Yehowa akronkronne+ bere a n’ani nni ne ho so a, ɔmfa odwennini a ɔte apɔw mmɛbɔ n’asodi afɔre+ mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ aboa no bo du dwetɛbona+ a wɔatwa ato hɔ no, sɛnea wɔkari dwetɛbona wɔ kronkronbea hɔ no; ɛyɛ asodi afɔre. 16  Obetua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpatade, na ɔde nkyem anum mu biako bɛka ho+ abrɛ ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no mfa odwennini a ɔde bɛbɔ asodi afɔre no mpata+ mma no, na wɔde befiri+ no. 17  “Sɛ ɔkra bi ani nni ne ho so na ɔfom kɔyɛ nneɛma a Yehowa ahyɛ sɛ obiara nnyɛ no bi a, ɛwom sɛ onnim+ de, nanso asodi da no so, na ɔbɛsoa ne bɔne.+ 18  Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔw a ne bo du ɛbo a wɔatwa ato hɔ no brɛ ɔsɔfo no na ɔde bɔ n’asodi afɔre.+ Ɔsɔfo no mpata+ mma bɔne a ɔyɛe bere a n’ani nna ne ho so no, ɛwom sɛ na onnim de, na wɔde befiri no.+ 19  Ɛyɛ asodi afɔre. Wafom+ Yehowa.”

Ase Hɔ Nsɛm

Kyerɛ sɛ, asɛm a enti obi reka ntam no.