Leviticus 6:1-30

6  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Sɛ ɛba sɛ obi de biribi ma ne yɔnko sɛ ɔnhwɛ so anaasɛ ne biribi bedi ne nsam+ na wanni mu nokware,+ anaa ɔbɔ no korɔn anaasɛ ɔfa ɔkwan bi so sisi no+ a, saa ɔkra no ayɛ bɔne na wanni Yehowa nokware.+  Anaa sɛ ohu biribi a ayera+ na wanka mu nokware anaa ɔyɛ nneɛma yi nyinaa bi na ɔka atoro ntam+ wɔ ho a, wayɛ bɔne.  Sɛ ɛbɛda adi sɛ ampa wayɛ bɔne na odi fɔ+ a, ɛsɛ sɛ ɔde nea owiae anaa ɔnam nsisi so nyae anaa nea wɔde maa no sɛ ɔnhwɛ so a ɔfae anaa nea ayera a ohui no san kɔ.  Biribiara a abedi ne hɔ a ɔkaa ho ntanhunu no, ɔmfa nkɔ anaa ontua ka.+ Afei ɛsɛ sɛ wobu nea ɔfae no bo, na wɔkyem anum ma otua mu biako ka ho ma ne wura, ɛda a ne bɔne bɛda adi no.  Bio, ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔw+ a odu ɛbo a wɔatwa ato hɔ no brɛ Yehowa na ɔsɔfo no de bɔ asodi afɔre.+  Afei ɔsɔfo no mpata+ mma no wɔ Yehowa anim, na bɔne a wayɛ biara a ɛde asodi abɛto no so no, wɔde befiri no.”  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Ɔhyew afɔre ho mmara ni:+ Momma aboa a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre no nna afɔremuka no asamorofi no so anadwo mũ nyinaa nkosi anɔpa, na wɔnhwɛ sɛ ogya wɔ afɔremuka no mu. 10  Ɔsɔfo no nhyɛ n’asɔfotade a wɔde nwera+ apam no, na ɔnhyɛ nwera twakoto+ nkata ne ho. Na onyi ɔhyew afɔrebɔde a ɛda afɔremuka no so gya so daa no ho nsõ+ ngu afɔremuka no nkyɛn. 11  Afei onyi n’atade+ no ngu hɔ na ɔnhyɛ foforo, na ɔnsesaw nsõ no nkɔ baabi a ɛhɔ tew wɔ nsraban no akyi.+ 12  Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ogya wɔ afɔremuka no so daa, ɛnsɛ sɛ edum. Ɔsɔfo no mfa nnyina+ ngu so nhyew anɔpa biara na ɔmfa aboa a wɔde no bɛbɔ ɔhyew afɔre no nto so, na ɔmma asomdwoe afɔrebɔde no srade nhyew wɔ so.+ 13  Ɛnsɛ sɛ afɔremuka no so gya+ dum, ɛsɛ sɛ ogya wɔ so daa. 14  “‘Aduan+ afɔre ho mmara ni: Aaron mma no mfa mmra Yehowa anim wɔ afɔremuka no anim. 15  Wɔn mu biako nsaw esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduan afɔre no ne ngo no ne ɛhyɛ a ɛda so no ne nsa mã, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam mma ɛnyɛ nkae ade+ mma Yehowa. 16  Aaron ne ne mma nni nea ɛbɛka no.+ Wonni no sɛ paanoo a mmɔkaw nnim+ wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo. 17  Ɛnsɛ sɛ wɔde mmɔkaw+ biara fra tõ. Aduan a wɔde abɛbɔ ogya afɔre+ ama me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa. Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron+ te sɛ bɔne ho afɔre ne asodi afɔre no. 18  Aaron mmabarima+ no nyinaa bedi bi. Ɛyɛ wɔn kyɛfa a Yehowa beyi afi ogya afɔre no mu ama wɔn, na ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa daa+ wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Biribiara a ɛbɛkã afɔrebɔde no bɛyɛ kronkron.’” 19  Afei Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 20  “Da a wɔbɛsra Aaron ngo+ no, afɔre+ a ɔne ne mma bɛbɔ ama Yehowa ni: Wɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu biako+ mmɔ aduan afɔre+ mma me bere nyinaa. Wɔmfa emu fã mmɔ afɔre anɔpa na wɔmfa fã mmɔ afɔre anwummere. 21  Wɔmfa ngo mfɔtɔw no yiye na wɔntõ wɔ apampaa+ so. Afei wɔmfa atoduan no mmra Yehowa anim sɛ aduan afɔre huamhuam a wɔabubu mu asinasin. 22  Ne mma no mu nea wɔbɛsra no ɔsɔfo asi n’ananmu no+ na ɔbɛbɔ afɔre no. Eyi yɛ ahyɛde a wobedi so daa: Wɔnhyew afɔrebɔde no nyinaa+ mma Yehowa. 23  Ɛsɛ sɛ wɔhyew aduan afɔre a ɔsɔfo+ bɛbɔ no nyinaa. Obiara nnni bi.” 24  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 25  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔre no nso ho mmara ni:+ Faako+ a wokum aboa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛhɔ na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.+ 26  Ɔsɔfo a ɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no na ɔbɛwe.+ Na ɔbɛwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron+ wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+ 27  “‘Biribiara a ɛbɛkã nam no bɛyɛ kronkron,+ na sɛ obi de mogya no bi pete atade mu a,+ horo nea mogya aka mu no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron.+ 28  Sɛ wɔnoae wɔ kuku+ mu a, wɔmmɔ kuku no. Na sɛ wɔnoae wɔ kɔbere sɛn mu a, wontwitwiw mu mfa nsu nhohoro mu. 29  “‘Mmarima a wɔyɛ asɔfo nyinaa nwe bi.+ Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.+ 30  Nanso sɛ wɔbɔ bɔne ho afɔre de mogya+ no bi ba ahyiae ntamadan no kronkronbea hɔ bɛpata a, ɛnsɛ sɛ obiara we bi. Wɔmfa ogya nhyew ne nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm