Leviticus 7:1-38

7  “‘Asodi afɔre+ nso ho mmara ni: Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.+  Faako+ a wokum aboa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛhɔ na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ asodi afɔre no, na ɔde ne mogya+ bɛpete+ afɔremuka no so ahyia.  Na obeyi ne srade+ nyinaa, ne dua tufuu no ne srade a ɛwɔ ne nsono ho,  ne asaabo abien no ne ɛho srade, nea ɛwɔ n’asen mu no. Onyi berɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+  Na ɔsɔfo no nhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ogya afɔre mma Yehowa.+ Ɛyɛ asodi afɔre.  Mmarima asɔfo no nyinaa nwe.+ Wɔnwe wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron. Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.+  Bɔne ho afɔre no te sɛ asodi afɔre no ara. Mmara koro na ɛwɔ hɔ ma abien no nyinaa.+ Ɛbɛyɛ ɔsɔfo a ɔbɛbɔ afɔre apata bɔne no dea.  “‘Na sɛ obi de aboa brɛ ɔsɔfo no sɛ ɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre a, aboa no nhoma+ bɛyɛ ɔsɔfo no dea.  “‘Na sɛ wɔtõ aduan wɔ fononoo+ mu anaa wɔkyew wɔ ɛsɛn+ mu anaa wɔtõ wɔ apampaa+ so de bɔ afɔre a, ɛyɛ ɔsɔfo a ɔbɔɔ afɔre no dea; ɔmfa.+ 10  Nanso sɛ wɔde esiam a wɔde ngo+ afra anaa nea ɛyɛ wosee+ ba sɛ wɔmfa mmɔ aduan afɔre a, ɛbɛyɛ Aaron mma no dea; wɔbɛkyɛ no pɛ. 11  “‘Afei sɛ obi rebɛbɔ asomdwoe afɔre+ ama Yehowa a, ɛho mmara ni: 12  Sɛ ɔde reba aseda+ a, ɔmfa ngo mfɔtɔw esiam nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim mfa ngo nsra ho.+ Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfɔtɔw no yiye mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa eyinom nka n’aseda afɔrebɔde no ho mmra. 13  Ɔmfa paanoo a mmɔkaw wom+ a ɛte sɛ kawa nka n’ayɛyɛde no ne aboa a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre no ho mmra sɛ aseda afɔre. 14  Na ɔde emu biara bi bɛma Yehowa sɛ afɔrebɔde kronkron.+ Ɛbɛyɛ ɔsɔfo a ɔde asomdwoe afɔrebɔde no mogya bɛpete afɔremuka no ho no dea.+ 15  Na da a wɔbɛbɔ asomdwoe afɔre sɛ aseda afɔre no, da no ara wɔbɛwe nam no. Ɛnsɛ sɛ ogyaw bi ma ade kye so.+ 16  “‘Nanso sɛ bɔhyɛ bi+ nti ɔde aboa bi bɛbɔ afɔre anaa ɔno ara fi ne pɛ mu bɔ afɔre+ a, da a ɔde no bɛbɔ afɔre no wɔnwe, na sɛ ebi ka ma ade kye so a, ɛno nso wobetumi awe. 17  Na sɛ edi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa ogya nhyew.+ 18  Sɛ ɛba sɛ aboa a wɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no nam no bi ka ma edi nnansa na obi we a, nea ɔde bae no rennya nhyira biara.+ Mfaso remma so mma no.+ Ɛbɛyɛ atantanne, na ɔkra biara a ɔbɛwe bi no bɛsoa ne bɔne.+ 19  Na ɛnsɛ sɛ obiara we nam a akã biribi a ɛho ntew.+ Wɔmfa ogya nhyew. Nanso obiara a ne ho tew betumi awe ɛnam a aka no bi. 20  “‘Sɛ ɔkra bi ho gu fĩ na ɔwe aboa a wɔde abɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa no nam no bi a, wontwa saa ɔkra no mfi ne man mu.+ 21  Na sɛ ɔkra bi ho ka biribi a ɛho ntew, onipa a ne ho ntew+ oo, aboa a ne ho ntew+ oo, abofonode+ biara a ɛho ntew oo, sɛ ɔwe aboa a wɔde bɔɔ asomdwoe afɔre maa Yehowa no nam no bi a, wontwa saa ɔkra no mfi ne man mu.’” 22  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Munnni nantwi anaa oguan anaa abirekyi biara srade.+ 24  Sɛ aboa bi wu anaa aboa foforo tetew ne mu+ a, mubetumi de ne srade ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni. 25  Sɛ obi de aboa bi bɛbɔ ogya afɔre ma Yehowa na odi ne srade a, wontwa saa ɔkra+ no mfi ne man mu. 26  “‘Monhwɛ sɛ baabiara a mobɛtena biara no, morenni mogya biara.+ Munnni anomaa anaa aboa foforo biara mogya. 27  Ɔkra biara a obedi mogya no, wontwa no+ mfi ne man mu.’” 28  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 29  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Nea ɔbɛbɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoe afɔrebɔde no bi mma Yehowa.+ 30  Ɔno ankasa mfa srade+ no nka aboa no koko ho mmra Yehowa anim sɛ ogya afɔre. Ɔmfa nka ne koko no ho na onhim sɛ ohim afɔre+ wɔ Yehowa anim. 31  Ɔsɔfo no nhyew+ srade no wɔ afɔremuka no so, na ne koko no de, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+ 32  “‘Na munyi aboa a mode bɛbɔ asomdwoe afɔre no nan nifa mma ɔsɔfo no sɛ afɔrebɔde kronkron.+ 33  Aaron mma no mu nea ɔde asomdwoe afɔrebɔde no mogya ne srade bɛbɔ afɔre no, ɔno na aboa no nan nifa bɛyɛ ne kyɛfa.+ 34  Sɛ Israelfo no bɛbɔ asomdwoe afɔre a, mede aboa no koko a wohimii no+ ne ne nan a ɛyɛ afɔrebɔde kronkron no bɛma ɔsɔfo Aaron ne ne mma. Megye wɔn kyɛfa no afi Israelfo hɔ, na ɛbɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa. 35  “‘Eyi na sɛ wɔde ogya bɔ afɔre ma Yehowa a ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma kyɛfa, sɛnea wɔhyɛe da a wɔde wɔn bae+ sɛ wɔmmɛsom sɛ Yehowa asɔfo no. 36  Saa na Yehowa hyɛe sɛ wɔmfa mma wɔn da a obeyi wɔn afi Israelfo mu asra wɔn ngo no.+ Ɛbɛyɛ ahyɛde a wobedi so daa wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.’”+ 37  Eyi ne ɔhyew afɔre,+ aduan afɔre,+ bɔne ho afɔre,+ asodi afɔre,+ asɔfohyɛ ho afɔre+ ne asomdwoe afɔre+ ho mmara. 38  Eyi ne ahyɛde a Yehowa de maa Mose wɔ Bepɔw Sinai+ so, ɛda a ɔhyɛe sɛ Israelfo mfa wɔn afɔrebɔde mmrɛ Yehowa wɔ Sinai sare so no.+

Ase Hɔ Nsɛm