Leviticus 9:1-24

9  Da a ɛto so awotwe+ no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mma ne Israel mpanyimfo.  Afei ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Hwehwɛ nantwi ba ne odwennini a wɔte apɔw bra Yehowa anim.+ Wode nantwi ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre+ na wode odwennini no abɔ ɔhyew afɔre.+  Na Israelfo no de, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa ɔpapo+ mmɛbɔ bɔne ho afɔre, na momfa nantwi ba ne odwennini kumaa+ a wɔadi afe afe a wɔte apɔw mmɛbɔ ɔhyew afɔre.  Afei momfa nantwinini ne odwennini mmɛbɔ asomdwoe afɔre+ wɔ Yehowa anim, na momfa ngo mfra esiam mmɛbɔ aduan afɔre,+ efisɛ Yehowa beyi ne ho adi akyerɛ mo+ nnɛ.’”  Enti wɔde nea Mose hyɛe no baa ahyiae ntamadan no ano. Afei asafo no nyinaa begyinaa Yehowa anim.+  Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi na Yehowa ahyɛ sɛ monyɛ na ama Yehowa ayi n’anuonyam adi akyerɛ mo.”+  Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔ afɔremuka no ho kɔbɔ bɔne ho afɔre+ ne ɔhyew afɔre fa pata+ ma wo ho ne wo fiefo. Afei fa ɔman no afɔrebɔde+ no bɔ afɔre pata+ ma wɔn, sɛnea Yehowa ahyɛ no.”  Ntɛm ara na Aaron kɔɔ afɔremuka no ho kokum nantwi ba a ɔde rebɛbɔ ne bɔne ho afɔre no.+  Aaron mma no de mogya+ no maa no, na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya no mu+ sosɔɔ afɔremuka no mmɛn+ no so, na ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase. 10  Na oyii aboa a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no srade+ ne n’asaabo ne ne berɛbo ho srade, na ɔhyew wɔ afɔremuka no so,+ sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no. 11  Na ɔde ogya hyew aboa no nam ne ne nhoma wɔ nsraban no akyi.+ 12  Afei okum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no na ɔde petepetee afɔremuka no so hyiae.+ 13  Wotwitwaa aboa no mu asinasin de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyew wɔ afɔremuka no so.+ 14  Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nnyawa ho na ɔhyew wɔ afɔremuka no so kaa ɔhyew afɔre no ho.+ 15  Ɛno akyi no, ɔde nea ɔman no de bae+ no nso bɔɔ afɔre. Okum ɔpapo a ɔman no de bae no de bɔɔ bɔne ho afɔre sɛnea ɔyɛɛ nea edi kan no. 16  Afei ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no sɛnea wɔyɛ daa no.+ 17  Ɔhyew afɔre a ɔbɔɔ no anɔpa+ akyi no, ɔde aduan a wɔde bɛbɔ afɔre+ nso bae, na ɔsaw ne nsa mã guu afɔremuka no so ma ɛhyewee. 18  Na okum nantwinini ne odwennini a ɔde rebɛbɔ asomdwoe afɔre+ ama ɔman no. Afei Aaron mma no de mogya no brɛɛ no na ɔde petepetee afɔremuka no so hyiae.+ 19  Na nantwinini no srade+ ne odwennini no dua tufuu+ no ne srade a ɛkata nsono no ho ne asaabo no ne berɛbo no ho srade de, 20  woyii srade yi nyinaa de kaa ne koko ho,+ na ɔhyew srade no wɔ afɔremuka no so. 21  Aboa no koko ne ne nan nifa no de, Aaron him sɛ ohim afɔre+ wɔ Yehowa anim, sɛnea Mose hyɛe no. 22  Na afei Aaron maa ne nsa so kyerɛɛ ɔman no na ohyiraa wɔn,+ na bere a owiee bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no, osii fam.+ 23  Na Mose ne Aaron kɔɔ ahyiae ntamadan no mu, na wofii adi behyiraa ɔman no.+ Afei nnipa no nyinaa huu Yehowa anuonyam,+ 24  na ogya fi Yehowa anim+ bɛhyew ɔhyew afɔre no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Bere a nnipa no nyinaa hui no, wɔteɛteɛɛm+ na wɔde wɔn anim butubutuw fam.

Ase Hɔ Nsɛm