Malaki 1:1-14

1  Atemmusɛm: Asɛm a Yehowa+ nam Malaki so ka faa Israel ho ni:  Yehowa aka sɛ: “Medɔ mo.”+ Na mubisae sɛ: “Dɛn na wode dɔ yɛn?”+ “Ɛnyɛ Yakob nua ne Esau?”+ Yehowa anom asɛm ni. “Medɔɔ Yakob,+  na Esau de,+ metan no; na memaa ne mmepɔw dan afõ+ na mede n’agyapade maa sare so sakraman.”+  “Nea Edom reka ne sɛ, ‘Wɔabubu yɛn, nanso yɛbɛsan akɔkyekye faako a asɛe no.’ Eyi nti, nea asafo Yehowa nso aka ni: ‘Wɔbɛkyekye, nanso medwiriw agu.+ Na nkurɔfo bɛfrɛ wɔn “abɔnefosɛm asase” ne “ɔman a Yehowa abu wɔn fɔ+ daa.”  Mode mo ani behu, na mobɛka sɛ: “Wɔmma Yehowa so wɔ Israel asase nyinaa so.”’”+  “‘Ɔba di n’agya ni,+ na akoa di ne wura ni.+ Enti sɛ meyɛ agya a,+ me nidi wɔ he?+ Na sɛ meyɛ Owura Kunini a, me suro wɔ he?’+ Nea asafo Yehowa aka akyerɛ mo ni, asɔfo a mubu me din animtiaa.+ “‘Nanso mubisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛabu wo din animtiaa?’”  “‘Ɛne sɛ mode paanoo+ a ɛho agu fĩ ba m’afɔremuka so.’ “‘Na mubisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛagu wo ho fĩ?”’ “‘Bio nso moka sɛ: “Yehowa pon+ yɛ adehunu bi.”+  Sɛ mode aboa a n’ani abɔ bɛbɔ afɔre a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.” Na sɛ mode nea ɔyɛ apakye anaa ɔyare ba a, moka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne.”’”+ “Fa kɔma w’amrado ɛ. So n’ani begye wo ho, anaa ɔbɛhwɛ w’anim?” Asafo Yehowa na waka.  “Enti afei, monhwehwɛ Onyankopɔn anim dom+ ma onhu yɛn mmɔbɔ.+ Mo nsam na eyi fi. So ɔbɛhwɛ mo anim anaa?” asafo Yehowa na waka. 10  “Mo mu hena na ɔbɛtoto apon+ mu anaa ɔbɛsɔ m’afɔremuka so gya kwa? M’ani nnye mo ho,+ na mo nsam ayɛyɛde biara nni hɔ a m’ani sɔ,”+ asafo Yehowa na waka. 11  “Efi owiapuei kosi owiatɔe, me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde+ ama me din wɔ baabiara, ayɛyɛde ne akyɛde a ɛho tew,+ efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ Asafo Yehowa na waka. 12  “Nanso mubu me animtiaa+ ka sɛ, ‘Yehowa pon ho agu fĩ, na ɛso aba, ɛso aduan, yɛ adehunu bi.’+ 13  Na moka sɛ, ‘Hwɛ, ɔbrɛhunu ara kwa!’+ Na muhua na munyinyan mo anim,” asafo Yehowa na waka. “Mode afowde ne apakye ne nea ɔyare na aba.+ Eyi ne akyɛde a mode ba. So metumi de anigye agye eyi afi mo nsam?”+ Yehowa na waka. 14  “Nnome nka ɔdaadaafo a ɔwɔ odwennini a ɔte apɔw wɔ ne nguankuw mu, nanso sɛ ɔhyɛ bɔ a, ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Yehowa.+ Meyɛ Ɔhenkɛse,+ na mɛma me din ayɛ hu wɔ amanaman mu,”+ Asafo Yehowa na waka.

Ase Hɔ Nsɛm