Malaki 2:1-17

2  “Asɔfo, mo nso mo ahyɛde ni.+  Sɛ moantie+ na moamma anna mo koma+ so sɛ mobɛhyɛ me din anuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdan nnome.+ Mama mo nhyira adan nnome mpo dedaw, efisɛ moamma anna mo koma so,” asafo Yehowa na waka.  “Hwɛ, mɛsɛe aba+ a moagu no na mabɔ bin apete mo anim, mo afahyɛ bin no; na wɔbɛsoa mo akɔka ho.  Afei mubehu sɛ me na mede mmara yi brɛɛ mo+ na ama apam+ a me ne Lewi ayɛ no agyina daa,”+ asafo Yehowa na waka.  “M’apam bɛyɛɛ nkwa ne asomdwoe maa no,+ na mekɔɔ so de maa no sɛ onsuro.+ Osuroo me nso, na me din nti ne ho popoe.+  Nokware mmara wɔ n’anom,+ na wɔanhu nkontomposɛm biara wɔ ne tɛkrɛma so. Ɔne me nantewee wɔ asomdwoe ne teeyɛ mu,+ na ɔdan nnipa pii fii mmarato ho.+  Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo ano kora nimdeɛ na nnipa hwehwɛ mmara fi n’anom,+ efisɛ ɔyɛ asafo Yehowa bɔfo.+  “Nanso moaman afi ɔkwan no so.+ Moama mmara no ato nnipa pii hintidua.+ Moasɛe Lewi apam no,”+ asafo Yehowa na waka.  “Me nso megu mo anim ase na mabrɛ mo ase wɔ nnipa nyinaa anim,+ sɛnea moamfa m’akwan so na moyɛɛ animhwɛ wɔ asɛnni mu no.”+ 10  “Ɛnyɛ agya koro na yɛn nyinaa wɔ?+ Ɛnyɛ Onyankopɔn koro no ara na ɔbɔɔ yɛn?+ Adɛn nti na yetwa yɛn ho nkontompo+ de gu yɛn agyanom apam ho fĩ yi?+ 11  Yuda atwa nkontompo, na wɔayɛ akyide wɔ Israel ne Yerusalem.+ Yuda agu Yehowa kronkronyɛ a n’ani kũ ho no ho fĩ,+ na wakɔware ananafo nyame bi babea.+ 12  Yehowa betwa obiara a ɔyɛ saa no afi hɔ,+ na nea wanyan anaa nea obua asɛm oo,* nea ɔde ayɛyɛde brɛ asafo Yehowa oo,+ wobetwa wɔn nyinaa afi Yakob ntamadan mu.” 13  “Ade a ɛto so abien a moyɛ ni: Moama nusu ne osu ne ahomegu akata Yehowa afɔremuka so, enti ɔnhwɛ mo ayɛyɛde bio, na mo nsam biribiara nni hɔ a n’ani gye ho.+ 14  Na mubisa sɛ, ‘Dɛn ntia?’+ Ɛne sɛ, Yehowa ankasa ne ɔdansefo wɔ wo ne wo mmeranteberem yere ntam,+ wo yere a woatwa no nkontompo no, nanso ɔno ne wo hokafo ne w’apam yere.+ 15  Na obi wɔ hɔ a wanyɛ saa efisɛ ɔwɔ honhom a aka no bi. Dɛn na na onii no hwehwɛ? Onyankopɔn aseni.+ Na monhwɛ mo honhom yiye,+ na munntwa mo mmeranteberem yere nkontompo.+ 16  Okyi awaregyae+ ne nea ɔde amimdi kata n’atade so,”+ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka. Afei asafo Yehowa aka sɛ: “Monhwɛ mo honhom yiye, na munntwa nkontompo.+ 17  “Mode mo nsɛm ahyɛ Yehowa brɛ,+ na mubisa sɛ, ‘Dɛn na yɛde ahyɛ no brɛ?’ Ɛne sɛ moka sɛ: ‘Obiara a ɔyɛ bɔne no teɛ wɔ Yehowa ani so, na n’ani gye wɔn a wɔte saa ho,’+ anaasɛ, ‘Atɛntrenee Nyankopɔn no wɔ he?’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ “obi biara; ne dibea biara.”