Malaki 3:1-18

3  “Hwɛ, meresoma me bɔfo+ adi m’anim abesiesie kwan mu.+ Na Awurade+ nokwafo a morehwehwɛ no ne apam+ bɔfo+ a mo ani agyina no+ no bɛba N’asɔrefie hɔ+ mpofirim. Hwɛ, ɔbɛba,” asafo Yehowa na waka.+  “Na da a ɔbɛba no, hena na obetumi atintim,+ na sɛ oyi ne ho adi a, hena na obetumi agyina?+ Ɔbɛba te sɛ ɔnanfo+ gya ne ntamasifo+ samina.+  Na ɔbɛtena ase sɛ nea ɔnan dwetɛ+ yi mu fĩ, na obeyi Lewifo mu fĩ.+ Ɔbɛtew wɔn ho te sɛ sika kɔkɔɔ+ ne dwetɛ na wɔafata ama Yehowa sɛ nnipa a wɔde ayɛyɛde+ ba wɔ trenee mu.  Afei Yehowa ani bɛsɔ Yuda ne Yerusalem ayɛyɛde+ te sɛ tete nna no, mfe a atwam no.+  “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.  “Mene Yehowa; mensakrae.+ Mone Yakob mma; monsae.+  Efi mo agyanom bere so na moman fii m’ahyɛde ho, na moanni so.+ Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,”+ asafo Yehowa asɛm ni. Na mubisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛnsan mmra?”  “Ɔdesani betumi asisi Onyankopɔn anaa? Nanso musisi me.” Na mubisa sɛ: “Dɛn mu na yɛasisi wo?” “Ntotoso du du ne afɔrebɔde mu.  Nnome na mode dome+ me, na asisi na musisi me, ɔman mũ no nyinaa. 10  Momfa ntotoso du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduan ampa me fie.+ Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma emmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm ni. 11  “Na mɛka ɔsɛefo* no anim ama mo,+ na ɔrensɛe mo asase so aba, na aba rempa mo afuw mu bobe so,”+ asafo Yehowa na waka. 12  “Na aman nyinaa bebu mo anigyefo,+ efisɛ mobɛyɛ anigye asase,”+ asafo Yehowa na waka. 13  Yehowa se: “Moakasa atia me yayaayaw.”+ Na moka sɛ: “Dɛn na yɛaka atia wo?”+ 14  “Moka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ adehunu.+ Na mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yedii n’ahyɛde so na asafo Yehowa nti yɛnam hɔ bosabosaa yi?+ 15  Mprempren yebu ahantanfo anigyefo.+ Na wɔama abɔnefo so agyina hɔ.+ Afei wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, nanso wonya wɔn ti didi mu.’”+ 16  Saa bere no wɔn a wosuro Yehowa+ no ne wɔn ho kasae, obiara ne ne yɔnko, na Yehowa yɛɛ aso tiei.+ Na wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim+ maa wɔn a wosuro Yehowa na wodwen ne din ho no.+ 17  Asafo Yehowa asɛm ni: “Wɔbɛyɛ m’ankasa me de,+ na saa da no, mɛyɛ wɔn m’agyapade titiriw.+ Na me yam bɛhyehye me ama wɔn, sɛnea obi yam hyehye no ma ne ba a ɔsom no no.+ 18  Afei mubehu nsonsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam,+ ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ mmoa a wɔsɛe mfude.