Malaki 4:1-6

4  Asafo Yehowa asɛm ni: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehyew te sɛ fononoo,+ na ahantanfo ne wɔn a wodi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ sare.+ Na da a ɛreba no bɛhyew wɔn, na ntini anaa dubaa mpo renka.+  Nanso mo a musuro me din no de, trenee owia bepue mo so,+ na ayaresa wɔ ne ntaban ase.+ Na mubefi adi akohuruhuruw sɛ nantwi mma a wɔadɔ srade.”+  “Ɛda a mɛkanyan me ho no, mubetiatia abɔnefo so, na wɔbɛyɛ sɛ nsõ wɔ mo nan ase,”+ asafo Yehowa na waka.  “Monkae m’akoa Mose mmara ne emu ahyɛde ne atemmusɛm a mede maa no Horeb wɔ Israelfo nyinaa ho no.+  “Hwɛ, meresoma odiyifo Elia+ aba mo nkyɛn ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no aba.+  Na ɔbɛdan agyanom koma aba mma so na mma koma aba agyanom so, na mammɛsɛe asase no amma anyɛ abusude.”+

Ase Hɔ Nsɛm