Nehemia 10:1-39

10  Wɔn a wɔsɔɔ ano+ ni: Hakalia+ ba Amrado+ Nehemia;+ Ɛnna Sedekia,  Seraia,+ Asaria, Yeremia,  Pasur, Amaria, Malkiya,  Hatus, Sebania, Maluk,  Harim,+ Meremot, Obadia,  Daniel,+ Gineton, Baruk,  Mesulam, Abia, Miyamin,  Maasia, Bilgai ne Semaia, wɔn ne asɔfo no.  Lewifo nso ni: Asania ba Yesua,+ Binui a ofi Henadad+ mma mu, Kadmiel 10  ne wɔn nuanom Sebania,+ Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan, 11  Mika, Rehob, Hasabia, 12  Sakur, Serebia,+ Sebania, 13  Hodia, Bani ne Beninu. 14  Ɔman no mu atitiriw: Paros, Pahat-Moab,+ Elam, Satu, Bani, 15  Buni, Asgad, Bebai, 16  Adoniya, Bigwai, Adin, 17  Ater, Hesekia, Asor, 18  Hodia, Hasum, Bisai, 19  Harif, Anatot, Nebai, 20  Magpias, Mesulam, Hesir, 21  Mesesabel, Sadok, Yadua, 22  Pelatia, Hanan, Anaia, 23  Hosea, Hanania, Hasub, 24  Halohes, Pilha, Sobek, 25  Rehum, Hasabna, Maaseia, 26  ne Ahiya, Hanan, Anan, 27  Maluk, Harim, Baanah. 28  Na ɔman no nkae no, asɔfo,+ Lewifo,+ apon ano ahwɛfo,+ nnwontofo,+ Netinimfo+ ne obiara a ɔtew ne ho fii asase+ no sofo ho bedii nokware Nyankopɔn mmara+ no so, wɔn yerenom, wɔn mmabarima ne wɔn mmabea, obiara a ɔwɔ nimdeɛ na otumi te asɛm ase no,+ 29  wɔn nyinaa tiee wɔn nuanom,+ wɔn atitiriw no,+ na wodii nsew+ kaa ntam+ sɛ wɔbɛnantew nokware Nyankopɔn mmara a ɔnam nokware Nyankopɔn akoa Mose nsa so de mae no mu,+ na wobedi so+ na wɔahwɛ ayɛ sɛnea yɛn Awurade Yehowa mmara nsɛm+ nyinaa ne n’atemmusɛm ne n’ahyɛde te;+ 30  na yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, na wɔn mmabea nso, yɛrennye wɔn mma yɛn mmabarima.+ 31  Na asase no sofo+ a wɔde nneɛma ne nnuan ahorow nyinaa bi ba bɛtontɔn no homeda no, yɛrentɔ wɔn hɔ hwee homeda+ anaa da kronkron bi,+ na afe a ɛto so ason no,+ yebegyaw asase no ato hɔ na yɛrennan ka biara.+ 32  Afei nso yɛhyɛɛ mmara maa yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fie som adwuma,+ 33  na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde kyerɛ+ ne daa aduan afɔre+ ne daa ɔhyew afɔre a wɔbɔ wɔ home nna+ ne asram foforo mu,+ ne afahyɛ ahorow+ ne akronkronne+ ne bɔne afɔre+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne yɛn Nyankopɔn fie adwuma nyinaa.+ 34  Afei yɛbɔɔ ntonto+ sɛnea yɛn agyanom abusuafie te de huu asɔfo, Lewifo ne ɔmanfo a wɔde nnyina+ bɛba yɛn Nyankopɔn fie afe afe bere a wɔahyɛ mu, na wɔasɔ wɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn afɔremuka+ so sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara no mu no;+ 35  na yɛhyɛe nso sɛ yɛde yɛn nsase+ so nnɔbae a edi kan ne nnua+ ahorow nyinaa aba a edi kan bɛba Yehowa fie afe afe; 36  yɛn mmakan+ ne yɛn afieboa+ mmakan ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan nso,+ yɛde bɛba sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara+ no mu no, na yɛde bɛba yɛn Nyankopɔn fie de abrɛ asɔfo a wɔresom wɔ yɛn Nyankopɔn fie no.+ 37  Afei yɛde yɛn awisiam+ mu nea edi kan ne yɛn ayɛyɛde+ ne nnua+ ahorow nyinaa so aba, nsã foforo+ ne ngo+ nso bɛbrɛ asɔfo no wɔ yɛn Nyankopɔn fie adidibea+ hɔ, na yɛde yɛn nsase so nnɔbae mu ntotoso du du bɛbrɛ Lewifo+ no, efisɛ Lewifo no na wogye nkurow a yɛyɛ kuadwuma wom nyinaa so ntotoso du du. 38  Na ma ɔsɔfo, Aaron ba no, nka Lewifo no ho bere a Lewifo no regye ntotoso du du no; na Lewifo no nso mfa ntotoso du du no so ntotoso du du mmra yɛn Nyankopɔn fie+ na wɔmfa ngu adidibea+ hɔ adekoradan no mu. 39  Na adidibea hɔ na Israel mma ne Lewi mma mfa aduan afɔre+ ne nsã foforo+ ne ngo no mmra, na ɛhɔ na kronkronbea hɔ anwenne ne asɔfo a wɔsom+ ne apon ano ahwɛfo+ ne nnwontofo+ no wɔ; enti ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn Nyankopɔn fie so.+

Ase Hɔ Nsɛm