Nehemia 12:1-47

12  Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yesua+ kɔe no: Seraia, Yeremia, Esra,  Amaria,+ Maluk, Hatus,  Sekania, Rehum, Meremot,  Ido, Ginetoi, Abia,  Miyamin, Maadia, Bilga,  Semaia+ ne Yoiarib, Yedaia,+  Salu, Amok,+ Hilkia, Yedaia.+ Eyinom ne asɔfo no mu atitiriw ne wɔn nuanom, Yesua+ bere so.  Lewifo no ne Yesua,+ Binui,+ Kadmiel,+ Serebia, Yuda ne Matania+ a odi aseda nnwom anim, ɔne ne nuanom.  Ná wɔn nuanom Bakbukia ne Uni ne wɔn di nhwɛanim, awɛmfo adwuma mu. 10  Yesua na ɔwoo Yoiakim,+ na Yoiakim woo Eliasib,+ na Eliasib nso woo Yoiada.+ 11  Yoiada na ɔwoo Yonatan, na Yonatan nso woo Yadua.+ 12  Yoiakim bere so no, na asɔfo a wɔyɛ agyanom mmusua mu atitiriw+ wɔ hɔ: Seraia+ abusua mu, Meraia; Yeremia abusua mu, Hanania; 13  Esra+ abusua mu, Mesulam; Amaria abusua mu, Yehohanan; 14  Maluki abusua mu, Yonatan; Sebania+ abusua mu, Yosef; 15  Harim+ abusua mu, Adna; Meraiot abusua mu, Helkai; 16  Ido abusua mu, Sakaria; Gineton abusua mu, Mesulam; 17  Abia+ abusua mu, Sikri; Miniamin abusua mu, ——; Moadia abusua mu, Piltai; 18  Bilga+ abusua mu, Sammua; Semaia abusua mu, Yehonatan; 19  Yoiarib abusua mu, Matenai; Yedaia+ abusua mu, Usi; 20  Salai abusua mu, Kalai; Amok abusua mu, Eber; 21  Hilkia abusua mu, Hasabia; Yedaia+ abusua mu, Netanel. 22  Lewifo a na wɔwɔ Eliasib+ ne Yoiada+ ne Yohanan ne Yadua+ bere so, ne asɔfo no, wɔkyerɛw wɔn din sɛ agyanom mmusua mu atitiriw, de besii Persiani Dario ahenni so. 23  Wɔkyerɛw Lewi mma a na wɔyɛ agyanom mmusua mu atitiriw+ no din wɔ abakɔsɛm nhoma mu de besii Eliasib ba Yohanan so. 24  Lewifo mu atitiriw no ne Hasabia ne Serebia+ ne Kadmiel+ ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔne wɔn di nhwɛanim to ayeyi ne aseda dwom sɛnea nokware Nyankopɔn nipa Dawid ahyɛde+ te no; awɛmfo kuw biako gyina ɔfã ha a, na awɛmfo kuw biako nso gyina ɔfã ha. 25  Ná Matania+ ne Bakbukia, Obadia, Mesulam, Talmon, ne Akub+ yɛ apon ano ahwɛfo,+ wɔn na wɔwɛn pon ano adekora adan no. 26  Eyinom na na wɔwɔ hɔ Yosadak+ ba Yesua+ ba Yoiakim+ bere so, ne amrado Nehemia+ ne ɔsɔfo Esra,+ ɔkyerɛwfo*+ no, bere so. 27  Na bere a wɔrehyira+ Yerusalem ɔfasu no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no wɔ wɔn tenabea nyinaa sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem ma wɔde aseda+ ne nnwonto,+ ne nnawuta+ ne asanku+ ahorow abedi ahurusi ahyira so. 28  Ɛnna nnwontofo mma no boaboaa wɔn ho ano Ɔmantam+ no mu fii Yerusalem ho nkurow nyinaa mu ne Netofafo+ nkuraa ase, 29  ne Bet-Gilgal+ ne Geba+ ne Asmawet+ mfuw mu, efisɛ na nnwontofo no akyekye nkuraa+ atwa Yerusalem ho ahyia. 30  Ɛnna asɔfo ne Lewifo no dwiraa+ wɔn ho, na wodwiraa ɔman+ no ne kurow apon+ ne ɔfasu+ no ho. 31  Afei mede Yuda mmapɔmma+ no baa ɔfasu no so. Na mehyehyɛɛ aseda nnwontofo+ akuw abien a wɔato santen; kuw biako de wɔn ani kyerɛɛ nifa so wɔ ɔfasu no so kɔɔ Sumina Pon+ no ano. 32  Na Hosaia ne Yuda mmapɔmma no fã dii wɔn akyi. 33  Wɔn a na wɔka wɔn ho ne: Asaria, Esra ne Mesulam, 34  Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia; 35  asɔfo no mma mu nso, wɔn a na wɔka wɔn ho a wokurakura ntorobɛnto+ ne Sakaria, Yonatan ba, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur+ ba, Asaf+ ba, 36  ne ne nuanom Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel ne Yuda, Hanani, a na wokurakura nokware Nyankopɔn nipa Dawid nnwom asanku+ no; ná ɔkyerɛwfo Esra+ di wɔn anim. 37  Wofi Nsuaniwa Pon+ no ho kɔɔ wɔn anim tẽẽ foroo ɔfasu no de twaa Dawid Kurow+ Antweri+ no faa Dawid Fie atifi kosii Nsu Pon+ no apuei. 38  Aseda nnwontofo+ kuw biako no nso dii anim, na midii wɔn akyi, ne ɔman no fã, faa ɔfasu no so kɔfaa Fononoo Abantenten+ no atifi kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ+ no so, 39  de kɔfaa Efraim Pon+ no atifi ne Kurow Dedaw Pon+ ne Mpataa Pon+ ne Hananel Abantenten+ ne Mea Abantenten+ no so kɔɔ Nguanten Pon+ no ho, na wokogyinagyinaa Ɔwɛmfo Pon no ano. 40  Ɛnna aseda nnwontofo+ akuw abien no begyinagyinaa nokware Nyankopɔn no fie hɔ;+ me nso mebaa hɔ, me ne asoafo+ no fã, 41  ne asɔfo Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wokurakura ntorobɛnto no,+ 42  ne Maaseia ne Semaia ne Eleasar ne Usi ne Yehohanan ne Malkiya ne Elam ne Eser. Nnwontofo a Yesrahia da wɔn ano no ma wɔtee wɔn nka.+ 43  Na wɔbobɔɔ afɔre akɛse+ saa da no na wodii ahurusi+ efisɛ nokware Nyankopɔn no maa wɔn ani gyei kɛse.+ Mmea+ ne mmofra+ no nso dii ahurusi ma wɔtee Yerusalem ahurusidi no wɔ akyirikyiri.+ 44  Na ɛda no ara wɔde mmarima sisii adekoradan+ ne afɔrebɔde+ ne nnɔbae a edi kan+ ne ntotoso du du+ so, sɛ wonnyigye asɔfo ne Lewifo+ no kyɛfa a mmara kyerɛ+ no mfi nkurow no mfuw mu nkogu hɔ; asɔfo ne Lewifo+ a na wɔresom no nti, Yuda dii ahurusi. 45  Wɔhwɛ yɛɛ wɔn asɛde+ wɔ wɔn Nyankopɔn anim na wɔyɛɛ ahodwira+ ho asɛde no nso; nnwontofo+ ne apon ano ahwɛfo+ no nso yɛe sɛnea Dawid ne ne ba Solomon hyɛe no. 46  Dawid ne Asaf mmere a abɛsen kɔ no mu no, na wɔwɔ nnipa a wɔdeda nnwontofo ano+ ma wɔto ayeyi ne aseda dwom ma Onyankopɔn.+ 47  Serubabel+ nna no mu ne Nehemia+ nna no mu no, Israel nyinaa de nnwontofo+ ne apon ano ahwɛfo+ kyɛfa maa wɔn sɛnea wobehia no da biara, na wohyiraa so maa Lewifo no,+ na Lewifo no nso hyiraa so maa Aaron mma no.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ne 8:1 ase hɔ asɛm.