Nehemia 3:1-32

3  Ɛnna ɔsɔfo panyin Eliasib+ ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguanten Pon no.+ Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron+ na wosisii n’apon; wɔyɛɛ no kronkron koduu Mea Abantenten+ no ho de kosii Hananel Abantenten+ no ho.  Na Yeriko+ mmarima toaa wɔn so yɛɛ ɔfasu no ho adwuma. Na Imri ba Sakur na ɔtoaa wɔn so.  Mpataa Pon+ no na Hasenaa mma sii;+ wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon,+ ne krɔkrɔ ne ne mmeamu.+  Hakos ba Uriya+ ba Meremot+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so; Baana ba Sadok na ɔtoaa wɔn so.  Tekoafo+ na wɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, nanso wɔn atitiriw+ no ammrɛ wɔn ho ase ansom wɔn wuranom.  Na Pasea ba Yoiada ne Besodeia ba Mesulam na wosiesiee Kurow Dedaw Pon no;+ wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon, ne krɔkrɔ ne ne mmeamu.+  Wɔn a wɔtoaa wɔn so ne Gibeonni+ Melatia ne Meronitni+ Yadon, Gibeon+ ne Mispa+ mmarima a wɔhyɛ asubɔnten kɛse+ no agya amrado+ ase.  Harhaia ba Usiel, sikadwumfo no,+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, na Hanania, sradehuamfrafo no,+ na ɔtoaa no so; wɔde abo sɛm Yerusalem kosii Ɔfasu Tɛtrɛɛ no so.+  Hur ba Refaia, Yerusalem mantam fã soafo no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi. 10  Harumaf ba Yedaia na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ ne fie anim;+ na Hasabnia ba Hatus na ɔtoaa no so. 11  Harim+ ba Malkiya ne Pahat-Moab+ ba Hasub siesiee ɔfã bi a wɔasusuw ama wɔn, ne Fononoo Abantenten+ no ho. 12  Halohes ba Salum, Yerusalem mantam no fã soafo,+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, ɔne ne mmabea. 13  Hanun ne Sanoafo+ na wosiesiee Obon Pon no;+ wɔn na wosisii n’apongua ne n’apon,+ ne krɔkrɔ+ ne ne mmeamu,+ ne ɔfasu no basafa apem kosii Sumina Pon no ho.+ 14  Rekab ba Malkiya, Bet-Hakerem+ mantam soafo, na osiesiee Sumina Pon no; ɔno na osisii n’apongua ne n’apon, ne krɔkrɔ ne ne mmeamu. 15  Kolhosen ba Salun, Mispa+ mantam soafo, na osiesiee Nsuaniwa Pon no;+ ɔno na osii, na ɔkataa so na osisii n’apon,+ ne krɔkrɔ ne ne mmeamu, na ɔsan too Ɔtare Suka+ a ɛkɔ Ɔhene Turom +no ho fasu no kɔpem Antweri+ a esian fi Dawid Kurow+ mu no ho. 16  Asbuk ba Nehemia, Bet-Sur+ mantam fã soafo, na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi de kosii Dawid Amusiei+ ne ɔtare+ a wɔayɛ, ne Akunini Fie no anim.+ 17  Lewifo+ no na wɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi, Bani+ ba Rehum; na Hasabia, Keila+ mantam fã soafo, na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi maa ne mantam. 18  Wɔn nuanom na wɔtoaa so, Henadad ba Bawai a ɔyɛ Keila mantam fã soafo. 19  Yesua+ ba Eser, Mispa+ otitiriw no, na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a wɔasusuw ama no wɔ Akode Korabea a ɛwɔ Ahyiaeso+ no aforoe no ntentenso. 20  Sabai+ ba Baruk na ɔtoaa no so de ahokeka+ siesiee ɔfã a wɔasusuw ama no no, efi Ahyiaeso hɔ kosi ɔsɔfo panyin Eliasib+ fie pon ano. 21  Hakos ba Uriya+ ba Meremot na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a wɔasusuw ama no no, efi Eliasib fie pon ano kosi Eliasib fie no ti nohoa. 22  Wɔn a wɔtoaa no so ne asɔfo no, mmarima a wofi Yordan Mantam+ mu no. 23  Benyamin ne Hasub na wɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔn ankasa fie anim. Anania ba Maaseia ba Asaria na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ baabi a ɛbɛn ne fie. 24  Henadad ba Binui na ɔtoaa no so siesiee ɔfã a wɔasusuw ama no no, efi Asaria fie kosi Ahyiaeso+ kɔpem ntwea no so. 25  Usai ba Palal na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi wɔ Ahyiaeso ne abantenten a epue Ɔhene Fie+ akyi, atifi dan a ɛwɔ Awɛmfo Aban mu,+ no anim. Paros+ ba Pedaia na ɔtoaa no so. 26  Ná Netinimfo+ no te Ofel;+ wɔn na wɔyɛɛ adwuma wɔ Nsu Pon+ a ɛwɔ apuei fam no anim de kosii abantenten a epue no ho. 27  Tekoafo+ na wɔtoaa wɔn so siesiee ɔfã a wɔasusuw ama wɔn no, efi abantenten kɛse a epue no anim kosi Ofel ɔfasu no ho. 28  Asɔfo no na wosiesiee Apɔnkɔ Pon+ no atifi, obiara yɛɛ adwuma no bi wɔ ne fie anim. 29  Imer ba Sadok+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi wɔ ne fie anim. Sekania ba Semaia, Apuei Pon+ ano hwɛfo no, na ɔtoaa no so. 30  Selemia ba Hanania ne Salaf ba a ɔto so asia, Hanun, na wɔtoaa no so siesiee ɔfã a wɔasusuw ama wɔn no. Berekia ba Mesulam+ na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi n’ankasa asa+ anim. 31  Malkiya a ofi sika adwumfo+ mu no na ɔtoaa no so yɛɛ adwuma no bi kosii Netinimfo+ ne aguadifo+ fie ne Ɔhwɛ Pon no anim de kɔpem ntwea so abansoro dan no ho. 32  Sika adwumfo ne aguadifo no na wosiesiee ntwea so abansoro dan no kosii Nguanten Pon+ no ho.

Ase Hɔ Nsɛm