Nehemia 4:1-23

4  Bere a Sanbalat+ tee sɛ yɛresan ato ɔfasu no ara pɛ, ne bo fuwii+ kɛse na ɛyɛɛ no ahi paa, na odii Yudafo no ho fɛw+ daa.  Na ɔkae wɔ ne nuanom+ ne Samaria asraafokuw no anim sɛ: “Dɛn na Yudafo a wonni ahoɔden yi reyɛ yi? Dɛn koraa na wobetumi ayɛ? Wobetumi abɔ afɔre?+ Wobetumi de da koro awie? Wobetumi de abo dedaw a ahyew awu a esunsum hɔ+ yi ayɛ adepa bi?”  Na Ammonni+ Tobia+ a ɔka no ho no nso kae sɛ: “Nea wɔresi yi, sɛ sakraman+ mpo de ne ho ka a, obebu abo fasu no agu.”  O yɛn Nyankopɔn tie,+ yɛadan aniwude;+ ma wɔn ahohorabɔ+ mmegu wɔn ankasa atifi, na ma nkurɔfo mfow wɔn nkɔ nkoasom mu wɔ obi man so.  Nkata wɔn amumɔyɛ+ ne wɔn bɔne so mfi w’anim. Mma wɔmmpopa, efisɛ wɔayɛ adansifo yi bɔne.  Enti yɛkɔɔ so too ɔfasu no, na ne nyinaa keka sisii anim ma ɛkɔɔ soro koduu ne tenten mu nkyem abien, na ɔman no nyaa koma pa de yɛɛ adwuma no.+  Bere a Sanbalat+ ne Tobia+ ne Arabiafo+ ne Ammonfo+ ne Asdodfo+ tee sɛ Yerusalem afasu a wɔresiesie no anya nkɔso na wɔafi ase retuatua akwan a ɛdeda mu no, wɔn bo fuwii kɛse.  Enti wɔn nyinaa bɔɔ pɔw+ sɛ wɔne Yerusalem bɛba abɛko de ahyɛ me ahometew.  Ɛnna yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae,+ na wɔn nti, yɛde awɛmfo sisii hɔ awia ne anadwo. 10  Ɛnna Yuda kae sɛ: “Ahoɔden nni wɔn a wɔsoasoa nneɛma+ no mu bio, na wura pii sunsum hɔ;+ yɛn nkutoo ntumi nto ɔfasu no.” 11  Afei nso, yɛn atamfo kekae sɛ: “Wɔrenhu, na wɔrente+ kosi sɛ yɛbɛhyɛn wɔn mu akokunkum wɔn na yɛama adwuma no aka.” 12  Na ɛbae sɛ bere biara a Yudafo a wɔtete bɛn wɔn no bɛba no, wɔka kyerɛ yɛn mpɛn du sɛ: “Baabi a yɛte a mobɛsan aba no, wobefi hɔ nyinaa aba mo so.” 13  Enti memaa mmarima kogyinagyinaa ɔfasu no akyi petee mu baabi a ɛwɔ fam, na memaa nnipa no gyinagyinae mmusua mmusua, na wɔde nkrante+ ne mpeaw+ ne agyan wɛnee. 14  Bere a mihui sɛ ehu aka wɔn no, ntɛm ara na mesɔre ka kyerɛɛ atitiriw+ ne asoafo+ ne nnipa a aka no sɛ: “Munnsuro+ wɔn. Yehowa, Nea ɔyɛ kɛse+ na ne ho yɛ hu+ no, ɔno na monkae no; monko mma mo nuanom+ ne mo mmabarima ne mo mmabea ne mo yerenom ne mo afie.” 15  Bere a yɛn atamfo no tee sɛ yɛate, na nokware Nyankopɔn no asɛe wɔn agyinatu+ ama obiara asan kɔ n’adwuma so wɔ ɔfasu no ho ara pɛ, 16  efi saa da no, me mmerante+ no mu fã yɛɛ adwuma, na wɔn mu fã nso kurakuraa mpeaw ne akyɛm ne agyan, na wɔhyehyɛɛ akotade;+ na mpanyimfo+ no gyinaa Yudafo no nyinaa akyi. 17  Adansifo a wɔreto ɔfasu no ne wɔn a wɔsoasoa nneɛma no nso, obiara de ne nsa biako yɛɛ adwuma, na ɔde biako+ nso kuraa akode.+ 18  Na adansifo no bobɔɔ abɔso; obiara de ne nkrante bɔɔ n’asen+ bere a ɔreyɛ adwuma,+ na nea ɔhyɛn abɛn+ no gyinaa me nkyɛn. 19  Ɛnna meka kyerɛɛ atitiriw ne asoafo+ ne nnipa a aka no sɛ: “Adwuma no sõ na ɛkɔ akyiri; yɛn ntam atetew wɔ ɔfasu no ho na obiara ne ne yɔnko ntam twe. 20  Faako a mobɛte sɛ wɔrehyɛn abɛn no, ɛhɔ na mommoaboa mo ho ano mmehyia yɛn nkyɛn. Yɛn Nyankopɔn na ɔbɛko ama yɛn.”+ 21  Bere a yɛreyɛ adwuma no, na yɛn mu fã nso kurakura mpeaw fi adekyee kosi sɛ nsoromma bepuepue. 22  Saa bere no, meka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Momma mmarima no biara ne ne somfo nna Yerusalem,+ na wɔnwɛn yɛn anadwo na wɔnyɛ adwuma awia.” 23  Na me+ ne me nuanom+ ne m’asomfo+ ne mmarima a wɔwɛn+ me a wodi m’akyi no de, yɛanyiyi yɛn ntade, na obiara kuraa n’akode+ wɔ ne nsa nifa mu.

Ase Hɔ Nsɛm