Nehemia 6:1-19

6  Na ɛbae sɛ bere a wɔka kyerɛɛ Sanbalat+ ne Tobia+ ne Arabiani+ Gesem+ ne yɛn atamfo nkae no sɛ masan ato ɔfasu no,+ na masisiw ntokuru no nyinaa (nanso ɛde besi saa bere no na minsisii ɛho apon)+ no,  ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛe nhyia+ wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono+ tataw no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔw adi me bɔne.+  Ɛnna mituu abɔfo ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Adwuma a mereyɛ no sõ,+ enti merentumi mma. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ miyi me nsa fi ho ba mo nkyɛn ma adwuma no ka?”+  Na wɔsoma bɛkaa asɛm koro no ara kyerɛɛ me mpɛn anan, na me nso memaa wɔn mmuae koro no ara.  Afei Sanbalat+ de asɛm koro no ara somaa ne somfo baa me nkyɛn ne mpɛn anum so, na na krataa a wɔnsɔw ano kura no.  Nsɛm a na wɔakyerɛw wom ne sɛ: “Wɔatete wɔ amanaman no mu, na Gesem+ nso reka bi sɛ wo ne Yudafo no pɛ sɛ motew atua.+ Ɛno nti na moreto ɔfasu no; na sɛnea nsɛm yi kyerɛ no, woreyɛ adi wɔn so hene.+  Na woayiyi adiyifo mpo sɛ wɔmpae mu nka wo ho asɛm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Yuda anya ɔhene!’ Na saa nsɛm no, ɔhene bɛte. Enti bra ma yentu ho agyina.”+  Nanso mesoma kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsɛm a woreka yi nnim,+ na mmom wo ara na woabɔ wo tirim reka.”+  Ná wɔn nyinaa reyɛ nea ɛbɛma ehu aka yɛn, na wɔkekae sɛ: “Wɔn nsam+ begow ma adwuma no aka.” Enti mesrɛ wo, hyɛ me nsam den.+ 10  Na mekɔɔ Mehetabel ba Delaia ba Semaia fie bere a na wato ne ho pon mu.+ Na ɔkae sɛ: “Ma yɛnhyɛ bere nhyia+ wɔ nokware Nyankopɔn fie, wɔ asɔredan no mu,+ na yɛntoto apon no mu na wɔreba abekum wo; anadwo+ na wɔbɛba abekum wo.” 11  Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima te sɛ me na minguan?+ Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya ne ti adidi mu?+ Merenhyɛn mu!” 12  Enti meyɛɛ nhwehwɛmu, na hwɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn+ na ɔsomaa no, na mmom Tobia ne Sanbalat+ na wɔbɔɔ no paa+ nti na ɔhyɛɛ+ nkɔm saa tiaa me. 13  Nea enti a wɔbɔɔ no paa+ ne sɛ, ɛbɛma ehu aka me+ na mayɛ saa, na mayɛ bɔne+ anya dimmɔne,+ na wɔanya me abɔ me ahohora.+ 14  O me Nyankopɔn, kae+ nea Tobia+ ne Sanbalat reyɛ yi ne wɔn mu biara nnwuma ne odiyifobea+ Noadia ne adiyifo a aka a daa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka me no. 15  Na wowiee ɔfasu+ no to wɔ Elul da a ɛto so aduonu anum no; egyee nnafua aduonum abien. 16  Bere a yɛn atamfo+ nyinaa tee na aman a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa hui no, animguase kɛse kaa wɔn, na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn+ nti na yɛatumi awie adwuma yi. 17  Saa nna no mu nso ná Yuda atitiriw+ no kyerɛkyerɛw nkrataa pii kɔma Tobia,+ na na Tobia nso kyerɛw bi brɛ wɔn. 18  Nea ɛte ne sɛ, na nnipa pii wɔ Yuda a wɔakɔ n’afã efisɛ na ɔyɛ Arah+ ba Sekania asebarima, na na ne ba Yehohanan nso ware Berekia ba Mesulam+ babea. 19  Afei nso daa na wɔka ne ho nsɛmpa kyerɛ me,+ na wɔkɔka me nso m’anom nsɛm kyerɛ no. Tobia kyerɛkyerɛw nkrataa a ɛbɛma ehu+ aka me brɛɛ me.

Ase Hɔ Nsɛm