Nehemia 7:1-73

7  Na bere a wɔsan too ɔfasu no wiei ara pɛ,+ misisii apon no.+ Ɛnna woyiyii apon ano ahwɛfo+ ne nnwontofo+ ne Lewifo.+  Na mede Yerusalem hyɛɛ Hanani+ a ɔyɛ me nua, ne Hanania, Abankɛse+ mu bapɔmma no nsa, efisɛ na ɔyɛ ɔbarima nokwafo+ a osuro+ nokware Nyankopɔn sen nnipa bebree.  Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ moma wobue Yerusalem apon+ no kosi bere a owia ano bɛyɛ den; wɔntoto apon no mu mmram akyi+ bere a wogyinagyina ho no. Na momfa Yerusalemfo nsisi hɔ sɛ awɛmfo, na obiara nnyina n’awɛnee wɔ ne fie anim.”+  Saa bere no, na kurow no mu trɛw na ɛsõ, na na emu nnipa yɛ kakraa bi,+ na wonsisii adan biara.  Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu+ sɛ memmoaboa atitiriw ne asoafo ne ɔmanfo no ano mma wɔnkyerɛw wɔn din na akyerɛ mmusua a wofi mu.+ Ɛnna mihuu nhoma a wɔakyerɛw wɔn a wodii kan bae no din wom sɛnea wɔn mmusua te;+ nea na wɔakyerɛw wom ni:  Nnommum+ a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn kɔɔ nkoasom mu no,+ eyinom ne wɔn a akyiri yi wofi ɔmantam+ no mu san baa Yerusalem ne Yuda ma obiara kɔɔ ne kurom;+  wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai,+ Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, ne Baanah bae. Israel mmarima no dodow ni:  Paros+ mma, mpem abien ɔha aduɔson abien;  Sefatia+ mma, ahasa aduɔson abien; 10  Arah+ mma, ahansia aduonum abien; 11  Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab+ mma, mpem abien ahanwɔtwe ne dunwɔtwe; 12  Elam+ mma, apem ahanu aduonum anan; 13  Satu+ mma, ahanwɔtwe aduanan anum; 14  Sakai+ mma, ahanson aduosia; 15  Binui+ mma, ahansia aduanan awotwe; 16  Bebai+ mma, ahansia aduonu awotwe; 17  Asgad+ mma, mpem abien ahasa aduonu abien; 18  Adonikam+ mma, ahansia aduosia ason; 19  Bigwai+ mma, mpem abien ne aduosia ason; 20  Adin+ mma, ahansia aduonum anum; 21  Hesekia aseni Ater+ mma, aduɔkron awotwe; 22  Hasum+ mma, ahasa aduonu awotwe; 23  Bisai+ mma, ahasa aduonu anan; 24  Harif+ mma, ɔha ne dumien; 25  Gibeon+ mma, aduɔkron anum; 26  Betlehem+ ne Netofa+ mmarima, ɔha aduɔwɔtwe awotwe; 27  Anatot+ mmarima, ɔha aduonu awotwe; 28  Bet-Asmawet+ mma, aduanan abien; 29  Kiriat-Yearim+ ne Kefira+ ne Beerot+ mmarima, ahanson aduanan abiɛsa; 30  Rama+ ne Geba+ mmarima, ahansia aduonu biako; 31  Mikmas+ mmarima, ɔha aduonu abien; 32  Betel+ ne Ai+ mmarima, ɔha aduonu abiɛsa; 33  Nebo+ foforo bi mmarima, aduonum abien; 34  Elam+ foforo bi mma, apem ahanu aduonum anan; 35  Harim+ mma, ahasa aduonu; 36  Yeriko+ mmarima, ahasa aduanan anum; 37  Lod+ ne Hadid+ ne Ono+ mmarima, ahanson aduonu biako; 38  Senaa+ mmarima, mpem abiɛsa ahankron aduasa. 39  Asɔfo no ni: Yedaia+ a ofi Yesua fie mma, ahankron aduɔson abiɛsa; 40  Imer+ mma, apem ne aduonum abien; 41  Pasur+ mma, apem ahanu aduanan ason; 42  Harim+ mma, apem ne dunson. 43  Lewifo ni: Kadmiel+ a ofi Hodewa+ mma mu no ba Yesua mma, aduɔson anan. 44  Nnwontofo+ no, Asaf+ mma, ɔha aduanan awotwe. 45  Apon ano ahwɛfo;+ Salum+ mma, Ater mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita mma, Sobai+ mma, ɔha aduasa awotwe. 46  Netinimfo+ ni: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot+ mma, 47  Keros mma, Sia mma, Padon+ mma, 48  Lebana mma, Hagaba+ mma, Salmai mma, 49  Hanan+ mma, Gidel mma, Gahar mma, 50  Reaia+ mma, Resin+ mma, Nekoda mma, 51  Gasam mma, Usa mma, Pasea mma, 52  Besai+ mma, Meunim mma, Nefusesim+ mma, 53  Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur+ mma, 54  Baslit mma, Mehida mma, Harsa+ mma, 55  Barkos mma, Sisera mma, Temah+ mma, 56  Nesia mma, Hatifa+ mma. 57  Solomon nkoa+ no mma ni: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma,+ 58  Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma,+ 59  Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, Amon mma.+ 60  Netinimfo+ ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodow yɛ ahasa aduɔkron abien. 61  Eyinom nso ne wɔn a wofi Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer+ san bae a wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wofi mu, sɛ wɔyɛ Israelfo anaa wɔnyɛ bi no: 62  Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma,+ ahansia aduanan abien. 63  Wɔn mu asɔfo ni:+ Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai+ mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mmabea no biako na wɔde wɔn din too no no. 64  Eyinom ne wɔn a wɔhwehwɛɛ kyerɛwtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wofi mu nanso wɔanhu+ no. Ɛno nti wobuu wɔn sɛ wɔn ho ntew na wɔamma wɔanni asɔfo.+ 65  Eyi nti amrado*+ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wodi+ akronkronne mu ade kronkron no bi kosi sɛ ɔsɔfo de Urim+ ne Tumim*+ begyina hɔ. 66  Nnipadɔm no nyinaa dodow si mpem aduanan abien ahasa aduosia,+ 67  wɔn nkoa+ ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodow yɛ mpemnson ahasa aduasa ason;+ afei nso na wɔwɔ nnwontofo, mmarima+ ne mmea+ ahanu aduanan anum. 68  Ná wɔn apɔnkɔ si ahanson aduasa asia; wɔn mfurumpɔnkɔ, ahanu aduanan anum.+ 69  Ná yoma no yɛ ahanan aduasa anum, na mfurum+ no yɛ mpemnsia ahanson aduonu.+ 70  Agyanom+ mmusua mu atitiriw+ no fã bi de akyɛde bɛboaa adwuma no.+ Amrado+ no ankasa de sika drakma apem, nyaawa aduonum, ne asɔfotade+ ahanum aduasa bɛkaa akorade no ho. 71  Agyanom mmusua mu atitiriw no bi nso de sika drakma mpem aduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpem abien ahanu bɛkaa akorade no ho sɛ wɔmfa mmoa adwuma no.+ 72  Na nneɛma a ɔmanfo nkae no de mae no si sika drakma mpem aduonu ne nnwetɛbona mpem abien ne asɔfotade aduosia ason. 73  Na asɔfo+ ne Lewifo ne apon ano ahwɛfo ne nnwontofo+ ne nnipa no mu binom ne Netinimfo+ ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.+ Ɔsram a ɛto so ason no dui no,+ na Israel mma akɔtenatena wɔn nkurow mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Esr 2:63 ase hɔ asɛm, “Tirsata.”
Hwɛ Ex 28:30 ase hɔ asɛm, “Tumim.”