Nehemia 9:1-38

9  Ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no,+ Israel mma boaboaa wɔn ano, na wodii mmuada+ furaa atweaatam+ de dɔte guu+ wɔn atifi.  Na Israel asefo tew wɔn ho+ fii ananafo+ no nyinaa ho, na wɔsɔre kaa+ wɔn ankasa bɔne+ ne wɔn agyanom amumɔyɛ+ kyerɛe.  Wogyinagyinaa wɔn gyinabea+ na wɔde adekyee mu nnɔnhwerew abiɛsa* kenkan Yehowa, wɔn Nyankopɔn mmara nhoma+ no den, na wɔde nnɔnhwerew abiɛsa+ nso kaa wɔn bɔne+ kyerɛe, na wɔkotow Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.+  Ɛnna Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia,+ Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa pampa+ a wɔayɛ ama Lewifo no so, na wɔde nne kɛse+ teɛɛm frɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn.  Na Lewifo Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: “Monsɔre na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ+ nkosi daa daa.+ Ma wɔnkamfo w’anuonyam din+ a wɔama so atra nkamfo ne ayeyi nyinaa no.  “Wo nkutoo+ ne Yehowa, na ɔsoro,+ ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa,+ asase+ ne nea ɛwɔ so nyinaa,+ ɛpo+ ne nea ɛwɔ mu nyinaa,+ wo na woyɛe; wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena ase; ɔsoro asafodɔm+ nyinaa nso kotow wo.  Wone Yehowa, nokware Nyankopɔn no, wo na wopaw Abram,+ na wuyii no fii Kaldeafo+ asase Ur so, na wotoo no din Abraham.+  Na wuhui sɛ ne koma di mu w’anim;+ ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam+ sɛ wode Kanaanfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Yebusifo ne Girgasifo asase bɛma ɔne n’asefo,+ na woteɛ nti,+ wudii w’asɛm so.  “Ɛno nti wuhuu+ amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no, na wutiee wɔn sufrɛ Po Kɔkɔɔ no ho.+ 10  Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tiaa Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asase so nyinaa,+ efisɛ na wunim sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm;+ na wode nyaa din+ de abesi nnɛ. 11  Wopaee ɛpo+ no mu wɔ wɔn anim ma wɔfaa asase kesee+ so wɔ ɛpo no mfinimfini twae; na wɔn ataafo no, wotow wɔn guu abun+ no mu te sɛ ɔbo+ wɔ nsu a ano yɛ den no mu.+ 12  Wonam omununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia,+ na anadwo+ nso wonam ogya dum a ɛhyerɛn+ so kyerɛɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so. 13  Wusian baa Bepɔw Sinai so+ ne wɔn kasa fii soro,+ na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ+ ne nokware mmara+ ne akwankyerɛ pa+ ne ahyɛde+ maa wɔn. 14  Woma wohuu wo homeda+ kronkron ne ahyɛde ne akwankyerɛ, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn mmara.+ 15  Wode aduan fi soro maa wɔn de kum wɔn kɔm,+ na womaa wɔn nsu fii ɔbotan mu de kum wɔn sukɔm,+ na woka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa+ asase a womaa wo nsa so de kaa ntam sɛ wode bɛma wɔn no.+ 16  “Na wɔn, yɛn agyanom de, wodii ahantansɛm;+ wosen wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛde. 17  Wɔantie,+ na wɔankae+ w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, mmom no, wosen wɔn kɔn+ na wɔpaw obi sɛ onni wɔn anim+ nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso woyɛ Nyankopɔn a wode bɔne firi,+ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunufo,+ wo bo kyɛ fuw+ na w’adɔe dɔɔso,+ enti woampo wɔn.+ 18  Bere a wɔyɛɛ nantwi ba honi+ na wɔkae sɛ, ‘Wo Nyankopɔn a oyii wo fii Egypt no ni,’+ na wobuu no animtiaa kɛse no, 19  wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woannyaw+ wɔn wɔ sare no so. Omununkum dum no amfi wɔn so awia sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan,+ na ogya dum no nso amfi wɔn so sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn anadwo na akyerɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so.+ 20  Wode wo honhom+ pa no maa wɔn na ama wɔayɛ mmadwemma, na wo mana nso woanyi amfi wɔn anom.+ Womaa wɔn nsu de kum wɔn sukɔm.+ 21  Womaa wɔn aduan mfirihyia aduanan+ sare no so. Hwee anhia wɔn.+ Na wɔn ntade nso ansuw,+ na wɔn nan ase antaataa.+ 22  “Wode ahenni ne aman maa wɔn+ ma wɔkyekyɛɛ mu+ de obiara de maa no; wɔfaa Sihonfo asase,+ ne Hesbon+ hene ne Basan+ hene Og+ nsase. 23  Womaa wɔn mma dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.+ Ɛnna wode wɔn baa asase+ a wohyɛɛ bɔ sɛ wɔn agyanom+ nkɔfa no so. 24  Enti wɔn mma+ bɛfaa asase no,+ na woma wodii+ asase no sofo, Kanaanfo+ so, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, wɔn ahene+ ne asase no sofo,+ na wɔyɛɛ wɔn sɛnea wɔpɛ.+ 25  Wodii nkurow a ɛyɛ den+ ne asase a adɔ srade so,+ na wonyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã,+ mmura a wɔatu,+ bobe nturo ne ngodua+ mfuw ne nnua a ɛsow aba pii, na wodidi mee+ na wɔyeyɛɛ akɛse+ na wonyaa ahotɔ, wo papayɛ+ kɛse mu. 26  “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtew w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔtow kyenee wɔn akyi,+ na w’adiyifo a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wokunkum wɔn,+ na woyii wo ahii kɛse.+ 27  Eyi nti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfo+ nsa ma wohiahiaa wɔn ho.+ Na sɛ wɔkɔ ahohia mu a, wosu frɛ wo,+ na wo nso wufi soro hɔ tie wɔn;+ na sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe+ te no, woma wɔn agyefo+ ma wogye wɔn fi wɔn atamfo nsam.+ 28  “Na sɛ wonya ɔhome ara pɛ a, wɔsan yɛ w’ani so bɔne,+ na wo nso wode wɔn hyɛ wɔn atamfo nsa ma wotiatia wɔn so.+ Na da biara a wɔbɛsan aba wo nkyɛn bio abɛhwehwɛ mmoa no,+ wufi soro hɔ+ tie wɔn na wugye wɔn sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe te no.+ 29  Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+ 30  Wunyaa wɔn ho koma mfe pii+ na wonam wo honhom ne w’adiyifo so kasa kyerɛɛ wɔn,+ nanso wɔanyɛ asõ antie.+ Ɛno nti, wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.+ 31  Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, efisɛ woyɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn. 32  “Afei, O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni,+ otumfoɔ+ a wo ho yɛ hu+ a wokora apam+ ne adɔe+ so, mma amanehunu a aba yɛne+ yɛn ahene+ ne yɛn mmapɔmma+ ne yɛn asɔfo+ ne yɛn adiyifo+ ne yɛn agyanom,+ ne wo nkoa nyinaa so fi Asiria ahene bere so besi nnɛ da yi+ nnyɛ ade ketewa w’anim.+ 33  Woteɛ+ wɔ nea aba yɛn so nyinaa mu, efisɛ woadi nokware+ wɔ nea woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+ 34  Na yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn agyanom+ de, wɔanni wo mmara so,+ na wɔantie w’ahyɛde+ ne w’adansesɛm a wonam so kasa kyerɛɛ+ wɔn no. 35  Bere a wɔn ahenni+ rekɔ so a womaa wɔn nneɛma pa pii,+ ne asase a ɛtrɛw na adɔ srade no,+ wɔn de, wɔansom wo+ na wɔannan amfi wɔn nneyɛe bɔne ho.+ 36  Hwɛ! Ɛnnɛ yɛyɛ nkoa;+ na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne emu nneɛma pa no, hwɛ, yɛyɛ nkoa wɔ so,+ 37  na ɛresow nnɔbae+ pii ma ahene+ a yɛn bɔne+ nti wode wɔn asisi yɛn so no, na wɔredi yɛn nipadua ne yɛn nyɛmmoa so sɛnea wɔpɛ; yɛaba ahohia kɛse mu.+ 38  “Eyi nyinaa nti, yɛreyɛ nokware apam,+ yɛrekyerɛw na yɛama yɛn mmapɔmma ne yɛn Lewifo ne yɛn asɔfo+ nso asɔ ano.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “adekyee mu nkyem anan mu biako.”