Dwom 1:1-6

1  Anigye+ ne onipa a ɔnnantew nnebɔneyɛfo agyina mu,+Na onnyina abɔnefo kwan so,+Na ɔntena afɛwdifo tenabea.+   Na mmom n’ani gye Yehowa mmara ho,+Na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo.+   Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsuten ho,+A ɛsow aba ne bere mu,+Na n’ahaban mpo,+Na nea ɔyɛ biara bewie yiye.+   Abɔnefo de, wɔnte saa,Na mmom wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa huw kɔ.+   Ɛno nti na abɔnefo rennyina wɔ atemmu mu,+Na amumɔyɛfo rennyina treneefo bagua mu no.+   Efisɛ Yehowa nim treneefo kwan,+Na nnebɔneyɛfo kwan de, ɛbɛyera.+

Ase Hɔ Nsɛm