Dwom 10:1-18

ל [Laʹmedh] 10  O Yehowa, dɛn nti na wugyina akyirikyiri?+Dɛn nti na wode wo ho hintaw ahohia bere mu?+   Ahantan nti nnebɔneyɛfo tiw mmɔborɔni denneennen;+Wɔde wɔn tirimbɔ kyere mmɔborɔni.+   Ɔdebɔneyɛfo hoahoa ne ho adebɔne a ne kra kɔn dɔ ho,+Na nea ɔpɛ mfaso bɔne+ no hyira ne ho; נ [Nun]Wabu Yehowa animtiaa.+   Ɔdebɔneyɛfo ahomaso nti, ɔnhwehwɛ Onyankopɔn;+Ne tirim adwene nyinaa ne sɛ: “Onyankopɔn biara nni hɔ.”+   N’akwan si no yiye daa nyinaa.+W’atemmusɛm wɔ soro dodo ma no;+Wɔn a wɔtan no nyinaa, obu wɔn animtiaa.+   Ɔka ne komam sɛ: “Merenhim ara da;+Mmusu biara remma me so awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso mu.”+ פ [Peʼ]   Ntanka ne nnaadaa ne amimdi ahyɛ n’anom ma.+Ɔhaw ne bɔne hyɛ ne tɛkrɛma ase.+   Ɔtenatena nkuraa ahintawee mu;Ofi ahintawee mu kum nea ne ho nni asɛm.+ ע [ʽAʹyin]N’aniwa kyin hwehwɛ nea n’asɛm ayɛ mmɔbɔ.+   Ɔtetɛw ahintawee mu sɛ gyata a watɛw wɔ wuram.+Ɔtɛw+ sɛ ɔbɛtow akyere mmɔborɔni de no akɔ.Ɔtwetwe n’atena, na ɔde kyere mmɔborɔni kɔ.+ 10  Obubu mmɔborɔni ma ɔkotow,Na ɔde ne nsa a emu yɛ den no so wɔn a wɔabotow dɔm mu.+ 11  Ɔka ne komam sɛ:+ “Onyankopɔn werɛ afi.+Wayi n’ani ato nkyɛn.+Na ɔrenhu da.”+ ק [Qohph] 12  O Yehowa, sɔre ɛ.+ Onyankopɔn, ma wo nsa so ɛ.+Mma wo werɛ mmfi mmɔborɔni.+ 13  Dɛn nti na ɔdebɔneyɛfo bu Onyankopɔn animtiaa?+Ɔka ne komam sɛ: “Woremmu atɛn.”+ ר [Rehsh] 14  Wo na wohwɛ ɔhaw ne ateetee.Wohwɛ sɛ wo nsa bɛka wɔn.+ Wo na agyanka mmɔborɔni+ de ne ho to wo so.Ne boafo ne wo.+ ש [Shin] 15  Bubu ɔdebɔneyɛfo ne omumɔyɛfo basa.+Hwehwɛ n’amumɔyɛ mu kosi sɛ wunhu bio.+ 16  Yehowa yɛ Ɔhene kosi mmeresanten, kosi daa.+Amanaman no ayera afi asase so.+ ת [Taw] 17  Ahobrɛasefo sufrɛ de, O Yehowa, wubetie.+Wubesiesie wɔn koma.+Wobɛyɛ aso,+ 18  Na woadi agyanka ne ɔwerɛhoni asɛm ama wɔn,+Na onipa desani a ofi asase mu anhunahuna wɔn bio.+

Ase Hɔ Nsɛm