Dwom 100:1-5

Aseda+ dwom. 100  Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+   Momfa anigye nsom Yehowa.+Momfa ahurusi dwom mmra n’anim.+   Munhu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn.+Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.+Yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.+   Momfa aseda nhyɛn n’apon mu,+Na momfa ayeyi mmra ne fie adiwo.+Monna no ase, munhyira ne din.+   Efisɛ Yehowa ye,+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+Ne nokwaredi kosi awo ntoatoaso nyinaa so.+

Ase Hɔ Nsɛm