Dwom 101:1-8

Dawid dwom. Ayeyi dwom. 101  Adɔe ne atemmu ho dwom na mɛto.+O Yehowa, wo na mɛto dwom ama wo.+   Mede nhumu bɛyɛ ade wɔ teeyɛ kwan so.+Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?+Me komam mũdi mu na mɛnantew me fie.+   Meremfa adehunu biara nsi m’anim.+Mikyi wɔn a wɔaman no nneyɛe;+Meremmɛn ho.+   Komam kɔntɔnkyefo remmɛn me;+Adebɔne biara nni m’ani so.+   Obiara a ɔsɛe ne yɔnko din kokoam no,+Mema ɔka n’ano tom.+Obiara a ɔwɔ ahantan aniwa ne ahomaso koma no,+Me ne n’ani nhyia.+   Asase so anokwafo na m’ani wɔ wɔn so,+Sɛ me ne wɔn bɛtena.+Nea ɔnantew teeyɛ kwan so no,+Ɔno na ɔbɛsom me.+   Ɔdaadaafo biara rentena me fie.+Obiara a otwa nkontompo no, n’ase rentim+Wɔ m’anim.+   Anɔpa biara mɛma asase so nnebɔneyɛfo aka wɔn ano atom,+Na matwa amumɔyɛfo+ nyinaa afi Yehowa kurow+ no mu.

Ase Hɔ Nsɛm