Dwom 104:1-35

104  O me kra, hyira Yehowa.+O Yehowa me Nyankopɔn, woyɛ kɛse paa.+Nidi ne anuonyam na wufura.+   Wufura hann sɛ ntama,+Na woatrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan.+   Wo na wusi* wo mpia wɔ nsu so,+Na wode omununkum yɛ wo teaseɛnam;+Wo na wonantew mframa ntaban so,+   Wo na w’abɔfo nso woyɛ wɔn ahonhom,+Ne w’asomfo nso ogyaframa.+   Wode asase atim ne nnyinaso so;+Na ɛrenhinhim da biara da,+   Wode subun akata ho sɛ ntama.+Mmepɔw atifi na nsu no gyina.+   W’animka nti, eguanee;+W’aprannaa mmobom nti, ɛde ahopopo guanee;   Ɛkɔɔ faako a woasiesie ama no no.Mmepɔw momaa wɔn ho so,+Na asasetaw nso siansianee.   Wutwaa ɔhye maa nsu no sɛ ɛnntra,+Na ammɛkata asase so bio.+ 10  Wosomaa nsuaniwa ma ɛkɔɔ subon mu;+Ɛsen kɔɔ mmepɔw mu. 11  Ɛno na ɛma wuram mmoa nyinaa nsu nom;+Ɛno na sare so mfurum+ de kum wɔn sukɔm. 12  Ɛso na wim nnomaa yɛ wɔn mmerebuw;+Ɛho nnubaa mu na wofi moma wɔn nne so.+ 13  Wo mpia mu na wufi gugu mmepɔw so nsu.+Wo nnwuma so aba na ɛma asase mee.+ 14  Woma sare momono fifi ma mmoa,+Na afifide pue ma adesamma;+Ɛma aduan fi asase mu ba,+ 15  Wode nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye,+Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ,+Ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.+ 16  Yehowa nnua amee,Lebanon nkyeneduru a wadua no,+ 17  Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw.+Asukɔnkɔn nso, ɔpopaw nnua so na ne fie wɔ.+ 18  Mmepɔw atenten+ yɛ abotan so mmirekyi tenabea;+Nkukuban+ nso fie ne abotan mu. 19  Woayɛ ɔsram sɛ ɛnkyerɛ bere;+Owia nim faako a ɛkɔtɔ.+ 20  Woma sum ba, na ade sa;+Emu na wuram mmoadoma nyinaa di akɔneaba. 21  Agyata bobom pɛ hanam+Na wɔkɔpɛ wɔn aduan, Onyankopɔn nsam.+ 22  Sɛ owia pue+ a, wɔtwe wɔn hoNa wokobutubutuw wɔn ahintawee. 23  Onipa fi adi kɔ n’adwuma+Ne ne dwumadi so kosi anwummere.+ 24  O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara!+Nyansam na woayɛ ne nyinaa.+Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.+ 25  Ɛpo kɛse a ɛtrɛw kakraa yi,+Mmoa a wɔkekã wɔn ho a enni ano,+Mmoa a wɔte ase, nketewa ne akɛse nyinaa ayɛ mu mã.+ 26  Ɛso na ahyɛn kɔ;+Lewiatan*+ de, woayɛ no sɛ onni agoru wɔ mu.+ 27  Wo na wɔn nyinaa hwɛ wo kwan+Sɛ ma wɔn aduan wɔ ne bere mu.+ 28  Nea wode ma wɔn na wɔtase.+Wubue wo nsam, na wonya nnepa di mee.+ 29  Sɛ wode w’anim hintaw a, wɔyɛ basaa;+Sɛ wuyi wɔn honhom a, wogyaa mu,+Na wɔsan kɔ wɔn dɔte mu.+ 30  Sɛ wosoma wo honhom kɔ a, wode bɔ ade,+Na woma asase ani yɛ foforo. 31  Yehowa anuonyam bɛtena hɔ afebɔɔ.+Yehowa bedi ne nnwuma ho ahurusi.+ 32  Ɔhwɛ asase a, ɛwosow,+Na ɔka mmepɔw a, efi wusiw.+ 33  Mɛto dwom ama Yehowa me nkwa nna nyinaa;+Meda so te ase yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.+ 34  Ma nea midwinnwen wɔ ne ho nyɛ anigye.+Me de, medi Yehowa mu ahurusi.+ 35  Wɔbɛtɔre abɔnefo ase afi asase so;+Na nnebɔneyɛfo nso, wɔbɛyera.+O me kra, hyira Yehowa. Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wode ntaboo si.”
Hwɛ Dw 74:14 ase hɔ asɛm.