Dwom 105:1-45

105  Monna Yehowa ase, mommɔ ne din,+Monka ne nneyɛe ho asɛm amanaman mu.+   Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no,+Munnwinnwen n’anwonwadwuma nyinaa ho.+   Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.+Momma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no koma nni ahurusi.+   Monhwehwɛ Yehowa ne n’ahoɔden.+Monhwehwɛ n’anim dom daa.+   Monkae n’anwonwadwuma a wayɛ+Ne nsɛnkyerɛnne ne n’anom atemmusɛm no,+   O n’akoa Abraham asefo,+Mo, Yakob mma a wapaw mo.+   Ɔno ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn.+N’atemmusɛm kodu asase so baabiara.+   Wakae n’apam de akosi daa,+Asɛm a ɔhyɛɛ awo ntoatoaso apem no;+   Apam a ɔne Abraham yɛe+Ne ntam a ɔkaa Isak no;+ 10  Ɔde yɛɛ ahyɛde sii hɔ maa Yakob,Na ɔde maa Israel sɛ daa apam;+ 11  Ɔkae sɛ: “Wo na mede Kanaan asase bɛma wo+Sɛ agyapade a matwa ama mo.”+ 12  Saa bere no na wɔnnɔɔso,+Ná wɔyɛ kakraa bi; na wɔyɛ ahɔho wɔ hɔ.+ 13  Wodii atutena wɔ amanaman mu,+Na wofi ahenni biako mu kɔɔ ahenni foforo mu.+ 14  Wamma onipa biara ansisi wɔn,+Na wɔn nti ɔkaa ahene anim.+ 15  Ɔkae sɛ: “Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfo a masra wɔn no,+Na m’adiyifo nso, monnyɛ wɔn bɔne.”+ 16  Ɔmaa ɔkɔm baa asase no so;+Obubuu abaa biara a paanoo sensɛn so.+ 17  Ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,Yosef a wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu no.+ 18  Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ne nan,+Na wɔde dade kyekyeree no,+ 19  Kosii bere a Yehowa asɛm baa mu,+Na n’asɛm siesiee no.+ 20  Ɔhene no soma ma wokoyii no,+Nea odi nkurɔfo so no ma wogyaa no. 21  Ɔde no sii ne fie so panyin,+Na ɔma odii n’agyapade nyinaa so;+ 22  Sɛ́ ɔnkyekyere ɔhene mpanyimfo sɛnea ne kra pɛ,+Na ɔnkyerɛ ne nkwakoraa nso nyansa.+ 23  Ɛnna Israel baa Egypt,+Na Yakob bɛyɛɛ ɔhɔho wɔ Ham asase so.+ 24  Onyankopɔn maa ne man ase trɛwee,+Na ɔma wɔbɛyɛɛ den sen wɔn atamfo.+ 25  Ɔdan wɔn koma ma wɔtan ne man,+Na wɔde anifere hyɛɛ ne nkoa so.+ 26  Ɛnna ɔsomaa n’akoa Mose,+Ne Aaron a ɔpaw no no.+ 27  Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ wɔn mu,+Na wɔyɛɛ anwonwade wɔ Ham asase so.+ 28  Ɔsomaa esum, na esum durui;+Wɔantew n’asɛm so atua.+ 29  Ɔdanee wɔn nsu mogya,+Na okunkum wɔn mpataa.+ 30  Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ wɔn asase so mã,+Ma wɔbaa wɔn ahene mpo mpia mu. 31  Ɔkae sɛ ahurii mmra,+Na ntummoa mmra wɔn asase no so nyinaa.+ 32  Ɔde amparuwbo yɛɛ osu tɔ guu wɔn so,+Na ɔmaa ogyaframa tɔ guu wɔn asase so.+ 33  Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma nnua,Na obubuu wɔn asase so nnua nyinaa.+ 34  Ɔkae sɛ mmoadabi mmra,+Mmoadabi a wɔn dodow nni ano.+ 35  Wɔwee wɔn asase no so nhaban nyinaa;+Na wɔn mfuw mu nnɔbae nso, wodii. 36  Ɛnna ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,+Wɔn ahoɔden mfiase no.+ 37  Oyii ne man fii hɔ de dwetɛ ne sika kaa wɔn ho;+Ná obiara nni n’abusuakuw no mu a wagow. 38  Wofii hɔ no, Egypt dii ahurusi,Efisɛ na wɔn ho hu atɔ wɔn so.+ 39  Ɔtrɛw omununkum mu de kataa wɔn so,+Na ogya maa wɔn hann anadwo.+ 40  Wobisae, na ɔmaa wɔn nkokɔhwerew,+Na ɔde ɔsoro aduan maa wɔn di mee.+ 41  Ɔpaee ɔbotan mu ma nsu fii mu bae;+Ɛsen sɛ asubɔnten faa kwayow no so.+ 42  Ɔkaee asɛm kronkron a ɔka kyerɛɛ n’akoa Abraham no.+ 43  Enti oyii ne man, ahurusidi mu,+Ne wɔn a wapaw wɔn no, osebɔ mu.+ 44  Nkakrankakra, ɔde amanaman no nsase maa wɔn,+Na wɔfaa amanaman no nsa ano adwuma a wɔbrɛ yɛe no,+ 45  Na ama wɔadi n’ahyɛde+Ne ne mmara so.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm