Dwom 106:1-48

106  Munyi Yah ayɛ!+Monna Yehowa ase, efisɛ oye,+Na n’adɔe wɔ hɔ daa.+   Hena na obetumi aka Yehowa nnwuma akɛse ho asɛm,+Na wama wɔate n’ayeyi nyinaa?+   Anigye ne wɔn a wodi asɛntrenee+Na wɔyɛ adetrenee bere nyinaa.+   O Yehowa, kae me sɛnea wodom wo man no.+Hwɛ me so na gye me nkwa,+   Na ama mahu papa a woyɛ wɔn a woapaw wɔn no,+Na madi ahurusi sɛ wo man,+Na me ne w’agyapade ahoahoa yɛn ho.+   Yɛayɛ bɔne sɛ yɛn agyanom ara;+Yɛafom; yɛadi amumɔyɛsɛm.+   Yɛn agyanom a na wɔwɔ Egypt de,Wɔante w’anwonwadwuma ase.+Wɔankae w’adɔe bebrebe no,+Na mmom wɔtew atua wɔ po no ho, Po Kɔkɔɔ no.+   Nanso ne din nti, ogyee wɔn,+Na ama wɔahu ne kɛseyɛ.+   Enti ɔkaa Po Kɔkɔɔ no anim, na ɛyowee;+Ɔne wɔn nantew subun no mu sɛnea wɔnam sare so;+ 10  Ogyee wɔn fii wɔn a wokyi wɔn no nsam,+Na oyii wɔn fii atamfo nsam.+ 11  Nsu no twiw faa wɔn atamfo no so;+Wɔn mu biako mpo anka.+ 12  Ɛnna wonyaa n’asɛm mu gyidi;+Na wɔtoo ayeyi dwom maa no.+ 13  Nanso ankyɛ na wɔn werɛ fii ne nnwuma;+Wɔantwɛn n’akwankyerɛ.+ 14  Mmom no, wɔdaa wɔn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ adi wɔ sare no so,+Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔ kwayow no so.+ 15  Ɛnna ɔde wɔn abisade maa wɔn+Na ɔde ɔyare bɔne bobɔɔ wɔn akra.+ 16  Wɔn ani beree Mose wɔ nsraban no mu,+Na Yehowa nipa kronkron Aaron nso, wɔn ani beree no.+ 17  Ɛno nti asase buee n’anom menee Datan,+Na ɛkataa Abiram asafo so.+ 18  Ogya bɛhyew wɔn asafo no;+Ogyaframa bɛtɔɔ nnebɔneyɛfo no mu.+ 19  Bio nso wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb,+Na wɔkotow ohoni a wɔasen.+ 20  Wɔsesaa m’anuonyam+De maa nantwinini a ɔwe wura honi.+ 21  Wɔn werɛ fii Onyankopɔn, wɔn Gyefo no,+Nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse Egypt no,+ 22  Nea ɔyɛɛ anwonwadwuma wɔ Ham asase so,+Ne ahude wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no.+ 23  Anka ɔreka ma wɔatɔre wɔn ase,+Nanso Mose a wapaw no noGyinaa ɔne wɔn ntam,+Na osiankaa n’abufuhyew sɛ ɔnnsɛe wɔn.+ 24  Wɔtoo asase fɛfɛ no ho mpe,+Na wɔannya n’asɛm mu gyidi.+ 25  Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu,+Na wɔantie Yehowa nne.+ 26  Enti ɔmaa ne nsa so de kaa ntam+Sɛ ɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so,+ 27  Na wama wɔn asefo atotɔ amanaman no mu,+Na wabɔ wɔn ahwete nsase no so.+ 28  Wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal Peor+Na wodii ade a nkwa nnim afɔrebɔde.+ 29  Bere a wɔde wɔn nneyɛe huruw ne bo no,+Ɔhaw baa wɔn so.+ 30  Bere a Finehas sɔre gyinae no,+Ɔhaw no to twae, 31  Na obuu no adetrenee maa noWɔ awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso mu, kosi mmere a enni awiei.+ 32  Bio nso, wogyigyee no wɔ Meriba nsu ho,+Na wɔn nti, ewiee Mose bɔne.+ 33  Wɔhyɛɛ ne honhom ahometew,Ma enti ɔkasae basabasa.+ 34  Wɔantɔre amanaman no ase+Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no.+ 35  Wɔde wɔn ho frafraa amanaman no,+Na wosuasuaa wɔn nnwuma.+ 36  Wɔkɔsom wɔn ahoni,+Na esum wɔn afiri.+ 37  Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea+Bobɔɔ afɔre maa adaemone.+ 38  Enti wohwiee mogya a edi bem gui;+Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogyaBɔɔ afɔre maa Kanaanfo ahoni,+Na mogyahwiegu maa asase no ho guu fĩ.+ 39  Wɔde wɔn nnwuma guu wɔn ho fĩ,+Na wɔde wɔn nneyɛe bɔɔ aguaman.+ 40  Ɛnna Yehowa abufuw dɛw tiaa ne man,+Na n’agyapade no bɛyɛɛ akyide maa no.+ 41  Enti ɔde wɔn hyɛɛ amanaman no nsa+Sɛ wɔn a wokyi wɔn no nni wɔn so;+ 42  Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so,Na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.+ 43  Mpɛn pii na ogyee wɔn,+Nanso wɔkɔɔ so tew atua wɔn asoɔden mu,+Na wɔn mfomso nti, ɔbrɛɛ wɔn ase.+ 44  Ohuu wɔn ahohia+Na otiee wɔn sufrɛ.+ 45  Ɔkaee apam a ɔne wɔn yɛe no,+Na n’adɔe dodow nti, ogyae ma ɛkae.+ 46  Enti ɔmaa wɔn asɛm yɛɛ mmɔbɔ,Wɔn a wɔafa wɔn nnommum no anim.+ 47  O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+Boaboa yɛn ano fi amanaman no mu bra+Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,+Na yɛmfa ahosɛpɛw nyi wo ayɛ.+ 48  Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn no+Fi mmeresanten kosi mmeresanten;Ma ɔman no nyinaa nka sɛ, Amen.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm