Dwom 107:1-43

(Nnwom 107 – 150) 107  Monna Yehowa ase, efisɛ oye,+Na n’adɔe wɔ hɔ daa.+   Momma wɔn a Yehowa agye wɔn no nka saa;+Wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no,+   Wɔn a waboaboa wɔn ano afi nsase no so,+Fi apuei ne atɔe,+Ne atifi ne anafo no.+   Wokyinkyin sare so,+ kwayow so;+Wɔanhu ɔkwan a ɛde wɔn bɛkɔ kurow a wɔbɛtena so no mu.+   Ɔkɔm dee wɔn, na osukɔm nso dee wɔn;+Wɔn kra totɔɔ piti.+   Wɔn ahohia mu, wosu frɛɛ Yehowa mpɛn pii;+Na ogyee wɔn fii ahokyere no mu,+   Ɔde wɔn faa ɔkwantrenee so,+Na ama wɔatumi akɔ kurow a wɔbɛtena so no mu.+   Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔe+Ne anwonwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+   Wama ɔkra a osukɔm de no amee;+Na ɔde nnepa ahyɛ ɔkra a ɔkɔm de no ma.+ 10  Wɔtenatenaa esum ne esum kabii mu,+Wɔyɛɛ nneduafo a wɔwɔ amanehunu ne dade nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.+ 11  Efisɛ wɔtew Onyankopɔn asɛm+ so atua;+Na wobuu Ɔsorosoroni no afotu animtiaa.+ 12  Enti ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn koma ase;+Wɔhwee ase na wɔannya ɔboafo biara.+ 13  Ɛnna wosu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ɔsan gyee wɔn fii ahokyere mu bio.+ 14  Oyii wɔn fii esum ne esum kabii mu;+Ɔtetew nhama a ɛkyekyere wɔn no mu.+ 15  Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔe+Ne anwonwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+ 16  Wabubu kɔbere apon,+Na watwitwa adaban mu.+ 17  Wɔn a wɔn mmarato ne wɔn mfomso ntiWɔbɛyɛɛ nkwasea no,+ amanehunu na wɔde baa wɔn ho so,+ 18  Wɔn kra kyii aduan biara,+Na wɔbɛn owu apon ano.+ 19  Ɛnna wosu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ɔsan gyee wɔn fii ahokyere no mu bio.+ 20  Ɔkasae ma wonyaa ayaresa+De gyee wɔn fii amoa mu.+ 21  Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔe+Ne anwonwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+ 22  Momma wɔmfa aseda mmɔ Onyankopɔn afɔre+Na wɔmfa ahurusi nka ne nnwuma ho asɛm.+ 23  Wɔn a wɔde ahyɛn kɔ po so+A wɔyɛ adwuma wɔ nsu akɛse so no,+ 24  Wɔn na wɔahu Yehowa nnwuma+Ne n’anwonwadwuma wɔ subun mu;+ 25  Sɛnea ɔkasa ma ahum tu+Na asorɔkye bɔ no.+ 26  Wɔkɔ sorosoro,Na wosian ba fam.Ahohia no nti wɔn kra nan.+ 27  Wɔtɔ ntintan te sɛ ɔsabofo,+Na wɔn nyansa nyinaa tu yera.+ 28  Ɛba saa a wosu frɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ogye wɔn fi ahokyere mu.+ 29  Ɔma ahum no yɛ dinn,+Na po asorɔkye no yɛ komm.+ 30  Wodi ahurusi sɛ ayɛ komm,Na ɔde wɔn kɔ beae a wɔpɛ sɛ wɔkɔ no ma wɔn ani gye.+ 31  Momma wɔnna Yehowa ase, n’adɔe+Ne anwonwadwuma a wayɛ ama nnipa mma nti.+ 32  Wɔnkamfo no asafo ahyiae mu;+Wonyi no ayɛ mpanyin guabɔ mu.+ 33  Ɔma nsubɔnten dan sare so,+Na nsuti dan kwayow,+ 34  Ɔma asase pa dan nkyene kurow,+Wɔn a wɔtete hɔ no bɔne nti. 35  Ɔma sare so dan ɔtare,+Na kwayow dan nsuti.+ 36  Ɛhɔ na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn tena,+Na ama wɔakyekye kurow atena mu.+ 37  Wɔyɛ mfuw, na wɔyeyɛ bobe nturo,+Na ama wɔanya nnɔbae pii.+ 38  Ohyira wɔn ma wɔyɛ bebree;+Na ɔmma wɔn afieboa dodow so ntew.+ 39  Nanso nhyɛso ne ɔhaw ne awerɛhow nti,+Wɔn dodow so tew na wɔbrɛ wɔn ase bio.+ 40  Ɔde animtiaabu gu atitiriw so,+Na ɔma wokyinkyin kwayow so, baabi a ɔkwan nni.+ 41  Nanso ɔbɔ ohiani ho ban fi amanehunu mu,+Na ɔma ɔyɛ mmusua sɛ nguankuw.+ 42  Treneefo behu na wɔadi ahurusi;+Na amumɔyɛfo de, wɔn nyinaa bɛka wɔn ano atom.+ 43  Hena ne onyansafo? Ɔde nneɛma yi bɛto ne tirim,+Na wadwinnwen Yehowa adɔe nnwuma ho.+

Ase Hɔ Nsɛm