Dwom 108:1-13

Dwom. Dawid ayeyi dwom. 108  Me koma atim, O Onyankopɔn.+Mɛto ayeyi dwom,+M’anuonyam nso bɛto bi.+   Sanku, nyan ɛ; sankuten, wo nso nyan.+Na menyan anɔpahema.+   O Yehowa, mɛkamfo wo amanaman mu;+Mɛto ayeyi dwom ama wo, aman nyinaa mu.+   Efisɛ w’adɔe sõ kodu ɔsoro,+Na wo nokware kodu omununkum mu.+   O Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro;+Na ma w’anuonyam ntra asase nyinaa.+   Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo no,+Yɛsrɛ wo, fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie me.+   Onyankopɔn ankasa akasa ne kronkronyɛ mu+ sɛ:“Medi ahurusi, mede Sekem+ bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa;+Na mesusuw Sukot+ asasetaw ama wɔn.   Gilead+ yɛ me dea; Manase+ yɛ me dea,Na Efraim yɛ me otitiriw abankɛse;+Yuda yɛ m’ahempoma.*+   Moab+ yɛ me guasɛn.+Edom+ na mɛtow me mpaboa ato.+Filistia+ ho na mɛbɔ ose.”+ 10  Hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔabɔ ho ban no mu?+Hena koraa na obedi m’anim akodu Edom?+ 11  Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woatow yɛn akyene,+Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ bio sɛ yɛn Nyankopɔn?+ 12  O gye yɛn fi ahohia mu,+Efisɛ mfaso bi nni onipa desani nkwagye so.+ 13  Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden,+Na ɔno na obetiatia yɛn atamfo so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 60:7 ase hɔ asɛm.