Dwom 11:1-7

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 11  Yehowa ne me guankɔbea.+Ɛyɛ dɛn na moka kyerɛ me kra sɛ:“Guan sɛ anomaa kɔ mo bepɔw so!+   Na hwɛ! nnebɔneyɛfo akuntun agyan mu,+Wɔde dua no asi agyan hama no soSɛ wɔrebɛtow wɔ sum mu awɔ komam teefo.+   Bere a fapem no asɛe+ yi,Dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”   Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron no mu.+Yehowa de, n’ahengua wɔ soro.+N’ani tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.+   Yehowa na ɔpɛɛpɛɛ ɔtreneeni ne ɔdebɔneyɛfo mu,+Na obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, Ne kra kyi no koraa.+   Ɔbɛma mfiri ne ogya ne sufre+ atɔ agu nnebɔneyɛfo so,Ɛne mframa a emu yɛ hyew, na ɛno ne kuruwa a wɔbɛnom.+   Yehowa teɛ;+ ɔdɔ adetrenee.+Teefo na wobehu n’anim.+

Ase Hɔ Nsɛm