Dwom 111:1-10

111  Munyi Yah ayɛ!+ א [ʼAʹleph]Mede me koma nyinaa mɛkamfo Yehowa+ ב [Behth]Wɔ teefo fekuw+ ne wɔn guabɔ mu.+ ג [Giʹmel]   Yehowa nnwuma yɛ akɛse,+ ד [Daʹleth]Na wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa hwehwɛ mu.+ ה [Heʼ]   Ne nnwuma+ yɛ nidi ne anuonyam nko ara,+ ו [Waw]Na ne trenee wɔ hɔ daa.+ ז [Zaʹyin]   Wama n’anwonwadwuma ayɛ nkae ade.+ ח [Chehth]Yehowa yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.+ ט [Tehth]   Wama wɔn a wosuro no no aduan.+ י [Yohdh]Ɔbɛkae n’apam daa.+ כ [Kaph]   Tumi a ɔde yɛ adwuma no, ɔka kyerɛɛ ne man,+ ל [Laʹmedh]Bere a ɔde amanaman no agyapade maa wɔn no.+ מ [Mem]   Ne nsa ano adwuma yɛ nokware ne atɛntrenee;+ נ [Nun]N’ahyɛde nyinaa di mũ,+ ס [Saʹmekh]   Na ɛwɔ nnyinaso daa daa;+ ע [ʽAʹyin]Wayɛ no nokware ne teeyɛ mu.+ פ [Peʼ]   Wasoma ogye abrɛ ne man.+ צ [Tsa·dhehʹ]Wahyɛ sɛ n’apam ntena hɔ afebɔɔ.+ ק [Qohph]Ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.+ ר [Rehsh] 10  Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+

Ase Hɔ Nsɛm