Dwom 112:1-10

112  Munyi Yah ayɛ!+ א [ʼAʹleph]Anigye ne onipa a osuro Yehowa+ ב [Behth]Na ne mmara nsɛm+ da ne koma so.+ ג [Giʹmel]   N’asefo bɛyɛ kɛse asase so.+ ד [Daʹleth]Wobehyira teefo awo ntoatoaso.+ ה [Heʼ]   Ahonyade ne ade dodow wɔ ne fie;+ ו [Waw]Ne trenee wɔ hɔ daa.+ ז [Zaʹyin]   Wahyerɛn wɔ esum mu sɛ kanea ama teefo.+ ח [Chehth]Ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo ne ɔtreneeni.+ ט [Tehth]   Ɔbarima a ɔyɛ ɔdomfo+ na ɔde fɛm+ no yɛ onipa pa. י [Yohdh]Atɛntrenee mu na ɔyɛ ne biribiara.+ כ [Kaph]   Ɔrenhinhim da biara da.+ ל [Laʹmedh]Ɔtreneeni de, wɔbɛkae no daa.+ מ [Mem]   Ɔrensuro asɛmmɔne mpo.+ נ [Nun]Ne koma atim,+ na ɛda Yehowa so.+ ס [Saʹmekh]   Ne koma renhinhim;+ ɔrensuro,+ ע [ʽAʹyin]Kosi sɛ obehu nea ɛbɛto n’atamfo.+ פ [Peʼ]   Wakyɛ ade pii; wama ahiafo ade.+ צ [Tsa·dhehʹ]Ne trenee wɔ hɔ daa.+ ק [Qohph]Wɔbɛma n’abɛn so, anuonyam mu.+ ר [Rehsh] 10  Ɔdebɔneyɛfo de, obehu na ama ne bo afuw.+ ש [Shin]Ɔbɛtwɛre ne sẽ na wayera.+ ת [Taw]Nnebɔneyɛfo akɔnnɔde bɛyera.+

Ase Hɔ Nsɛm