Dwom 114:1-8

114   Bere a Israel fii Egypt,+Na Yakob fie fii ɔman a wɔnte wɔn kasa mu kɔe+ no,   Yuda bɛyɛɛ ne kronkronbea,+Na Israel nso bɛyɛɛ ne tumidibea.+   Ɛpo hui, na eguanee;+Na Yordan de, ɛsan n’akyi.+   Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,+Na nkoko nso huruhuruwii sɛ nguammaa.   Ɛpo, dɛn na wuhui a enti wuguanee?+Yordan, dɛn na wuhui a enti wosan w’akyi?+   Mmepɔw, dɛn na muhui a enti muhuruhuruwii sɛ adwennini?+Nkoko, dɛn na muhui a enti muhuruhuruwii sɛ nguammaa?+   O asase, Awurade nti, ma wo ho mpopo,+Yakob Nyankopɔn nti,   Ɔno a ɔmaa ɔbotan dan ɔtare,+Na ɔmaa twɛrebo nso dan asuti+ no.

Ase Hɔ Nsɛm