Dwom 115:1-18

115  Biribiara nyɛ yɛn dea, O Yehowa, biribiara nyɛ yɛn dea;+Wo din na hyɛ no anuonyam+Sɛnea w’adɔe ne wo nokware te.+   Dɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ:+“Wɔn Nyankopɔn no, ɛhe na ɔwɔ?”+   Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro;+Nea ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.+   Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+   Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade;+   Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.+Wɔwɔ hwene, nanso wɔnte ade hua.+   Wɔwɔ nsa, nanso wɔmfa nso ade mu.+Wɔwɔ nan, nanso wontumi nnantew;+Wɔmfa wɔn menewa nkasa.+   Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn ara,+Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no nyinaa.+   O Israel, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ 10  O Aaron fie, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ 11  Mo a musuro Yehowa, momfa mo ho nto Yehowa so;+Ɔno ne mo boafo ne mo kyɛm.+ 12  Yehowa akae yɛn; obehyira yɛn,+Obehyira Israel fie,+Na obehyira Aaron fie.+ 13  Obehyira wɔn a wosuro Yehowa,+Nketewa ne akɛse nyinaa.+ 14  Yehowa bɛma mo adɔɔso,+Mo ne mo mma nyinaa.+ 15  Mone wɔn a Yehowa ahyira mo;+Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo.+ 16  Ɔsoro yɛ Yehowa soro,+Na asase de, ɔde ama nnipa mma.+ 17  Ɛnyɛ awufo na woyi Yah ayɛ,+Anaa wɔn a wɔkɔhyɛ fam komm no.+ 18  Yɛn na yebehyira Yah+Nnɛ akosi mmeresanten.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm