Dwom 118:1-29

118  Monna Yehowa ase, efisɛ oye,+Na n’adɔe wɔ hɔ daa.+   Momma Israel nka sɛ:“N’adɔe wɔ hɔ daa.”+   Momma Aaron fiefo nka sɛ:+“N’adɔe wɔ hɔ daa.”+   Momma wɔn a wosuro Yehowa no nka sɛ:+“N’adɔe wɔ hɔ daa.”+   M’ahohia mu na mefrɛɛ Yah;+Yah gyee me so, na ɔde me kɔɔ nea ɛhɔ trɛw.+   Yehowa wɔ m’afã; merensuro.+Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?+   Yehowa wɔ m’afã, m’aboafo mu,+Enti mɛhwɛ nea ɛbɛto m’atamfo.+   Eye sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne guankɔbea+Sen sɛ ɔde ne ho bɛto onipa desani so.+   Eye sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne guankɔbea+Sen sɛ ɔde ne ho bɛto adehye so.+ 10  Amanaman nyinaa twaa me ho hyiae.+Yehowa din mu na mipiaa wɔn gui.+ 11  Wotwaa me ho hyiae, wotwaa me ho nyinaa hyiae.+Yehowa din mu na mipiaa wɔn gui. 12  Wotwaa me ho hyiae sɛ nnowa,+Nanso wodumii sɛ nkyɛkyerɛ gya.+Yehowa din mu na mipiaa wɔn gui.+ 13  Wosum me sɛnea mɛhwe ase,+Nanso Yehowa na ɔboaa me.+ 14  Yah ne me hintabea ne m’ahoɔden,+Na ɔno na wayɛ me nkwagye.+ 15  Ahurusi dwom ne nkwagye+Wɔ treneefo+ ntamadan mu.+Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+ 16  Yehowa rema ne nsa nifa so;+Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+ 17  Merenwu; mɛkɔ so atena nkwa mu,+Na maka Yah nnwuma ho asɛm.+ 18  Yah teɛɛ me so denneennen,+Nanso wamfa me anhyɛ owu nsa.+ 19  Mummue trenee apon mma me.+Mɛfa mu; mɛkamfo Yah.+ 20  Eyi ne Yehowa pon.+Treneefo na wɔbɛfa mu.+ 21  Mɛkamfo wo, efisɛ wugyee me so,+Na wugyee me nkwa.+ 22  Ɔbo a adansifo poe no+Abɛyɛ tweatibo.+ 23  Yehowa hɔ na eyi fi;+Ɛyɛ nwonwa yɛn ani so.+ 24  Eyi ne da a Yehowa ayɛ;+Yɛn ani begye na yɛadi ahurusi saa da no.+ 25  O Yehowa, yɛsrɛ wo, gye yɛn!+O Yehowa, yɛsrɛ wo, ma ensi yɛn yiye!+ 26  Nhyira ne Nea ɔreba Yehowa din mu;+Yefi Yehowa fie hyira mo.+ 27  Yehowa ne Tweaduampɔn,+Na ɔma yɛn hann.+Monkyekyere nnubaa+ nkɔpem afɔremuka abɛn no so+Wɔ afɔrebɔ santen no mu.+ 28  Wone Tweaduampɔn, na mɛkamfo wo;+Me Nyankopɔn ne wo, na mɛma wo so.+ 29  Monna Yehowa ase, efisɛ oye,+Na n’adɔe wɔ hɔ daa.+

Ase Hɔ Nsɛm