Dwom 12:1-8

Wɔde ma dwonkyerɛfo, wɔto no nea ɛto so awotwe so.+ Dawid dwom. 12  O Yehowa, gye me,+ na nokwaredifo asa;+Anokwafo ayera wɔ nnipa mma mu.   Nkontomposɛm na wɔkeka kyerɛ wɔn ho;+Wɔde anodɛ+ keka nsɛm a efi koma ntanta+ mu.   Yehowa betwa ano a ɛyɛ dɛ nyinaa afi hɔ,Tɛkrɛma a ɛkeka nsɛnkɛse,+   Wɔn a wɔka sɛ: “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim.+Yɛn ano wɔ hɔ yi, hena na obetumi adi yɛn so?”   “Mmɔborɔni a wɔhyɛ no so, ne ohiani apinisi+ nti,Mɛsɔre afei,” Yehowa na ose.+“Mɛbɔ ne ho ban wɔ obiara a obu no animtiaa ho.”+   Yehowa nsɛm yɛ nsɛm a ɛho tew,+Ɛte sɛ dwetɛ a wɔapa mu wɔ fam fononoo mu, nea wɔayiyi mu mpɛn ason.   O Yehowa, wo ankasa wobɛhwɛ wɔn so;+Wobɛkora wɔn mu biara so wɔ awo ntoatoaso yi mu akosi daa.   Nnebɔneyɛfo nenam baabiara,Efisɛ wɔkamfo amumɔyɛde wɔ nnipa mma mu.+

Ase Hɔ Nsɛm