Dwom 120:1-7

Ɔsoro-foro Dwom. 120  Yehowa na mefrɛɛ no m’ahohia mu,+Na ogyee me so.+   O Yehowa, gye me kra nkwa fi atorofo anom+Ne tɛkrɛma daadaafo+ ho.   O tɛkrɛma daadaafo,+Dɛn na wɔde bɛma wo, na dɛn na wɔde bɛka wo ho?   Ɔdɔmmarima agyan a ano hwirenhwiren+Ne sisia dua nsramma na wubenya.+   Minnue sɛ mabɛyɛ ɔhɔho wɔ Mesek!+Kedar+ ntamadan mu na mete.   Wɔn a wokyi asomdwoe+ no,Me kra atena+ wɔn mu akyɛ dodo.   Me de, mepɛ asomdwoe;+ nanso sɛ mibue m’ano a,Ntɔkwaw na wɔde hyia me.+

Ase Hɔ Nsɛm