Dwom 121:1-8

Ɔsoro-foro Dwom. 121  Mɛma m’ani so akyerɛ mmepɔw.+Ɛhe na me mmoa befi aba?+   Me mmoa fi Yehowa,+Ɔsoro ne asase Yɛfo no.+   Ɔremma wo nan nhintiw da.+Nea ɔwɛn wo no, ɔrentɔ nko.+   Hwɛ! Nea ɔwɛn Israel no,+Ɔrentɔ nko na wada.+   Yehowa wɛn wo.+Yehowa ne wo nwini,+ wo nsa nifa so.+   Owia renhye wo awiabere,+Na ɔsram nso rempira wo anadwo.+   Yehowa na ɔbɛwɛn wo, mmusu nyinaa mu.+Ɔbɛwɛn wo kra.+   Yehowa bɛwɛn wo nkɔree ne wo mmae+Afi nnɛ de akosi daa.+

Ase Hɔ Nsɛm