Dwom 124:1-8

Ɔsoro-foro Dwom. Dawid dwom. 124  “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a,”+Momma Israel nka sɛ,+   “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho+Bere a nnipa sɔre tiaa yɛn no a,+   Anka wɔbɛmemene yɛn animono,+Bere a wɔn abufuw dɛw hyɛɛ yɛn no.+   Anka nsu na ɛbɛhohoro yɛn akɔ,+Na asuten atwiw afa yɛn kra so.+   Anka ahantan nsu+Betwiw afa yɛn kra so.   Nhyira nka Yehowa a wamfa yɛn+Anhyɛ wɔn sẽ ntam sɛ hanam no.+   Yɛn kra te sɛ anomaa a watetew ne ho+Afi ofirisumfo afiri mu.+Afiri no abubu,+Na yɛn nso yɛaguan.+   Yehowa din mu na yɛn mmoa wɔ,+Ɔsoro ne asase Yɛfo no.”+

Ase Hɔ Nsɛm