Dwom 126:1-6

Ɔsoro-foro Dwom. 126   Bere a Yehowa boaboaa Sion nnommum ano san bae no,+Ɛyɛɛ yɛn sɛ adaeso.+   Saa bere no, ɔserew hyɛɛ yɛn afono mã,+Na ahurusi hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so mã.+Saa bere no, wɔkae wɔ amanaman no mu sɛ:+“Yehowa ayɛ ade kɛse ama wɔn.”+   Yehowa ayɛ ade kɛse ama yɛn.+Yɛn ani agye.+   O Yehowa, boaboa yɛn nnommum ano san bra+Sɛ asuten a ɛwɔ Negeb no.+   Wɔn a wɔde nusu gu aba no+De ahurusi na ebetwa.+   Nea ɔde osu fi adi+A okura aba kotoku mã no,+Ɔde anigye na ɛbɛba+A okura awi afi afi.+

Ase Hɔ Nsɛm