Dwom 127:1-5

Ɔsoro-foro Dwom. Solomon dwom. 127  Sɛ Yehowa ansi ofie no a,+Ɛho adwumayɛfo brɛ gu kwa.+Sɛ Yehowa anwɛn kurow no a,+Ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.+   Mosɔre anɔpahemaNa motena ase anadwo;+ ne nyinaa yɛ ɔkwa.+Yawdi mu na mudidi.+Ɔma n’adɔfo nya nna pa.+   Hwɛ! Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.+Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.+   Mmeranteberem mma+Te sɛ ɔdɔmmarima nsam agyan.+   Anigye ne ɔbarima a ɔde ahyɛ n’agyan kotoku mã.+Wɔn ani renwu,+Efisɛ wɔne atamfo bɛkasa wɔ kurow pon ano.

Ase Hɔ Nsɛm