Dwom 13:1-6

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 13  O Yehowa, wo werɛ befi me akosi da bɛn?+ Afebɔɔ+ anaa?Wode w’anim behintaw me akosi da bɛn?+   Me ne me kra nni aperepere,Na awerɛhow ntena me komam da mũ nyinaa nkosi da bɛn?M’atamfo bedi me so akosi da bɛn?+   O Yehowa me Nyankopɔn, hwɛ me, na tie me.Ma m’aniwa nhyerɛn,+ na manna wɔ owu mu,+   Na me tamfo anka sɛ: “Madi no so nkonim!”Na wɔn a wokyi me ani annye sɛ mahintiw.+   Me de, w’adɔe so na mede me ho ato;+Ma me koma ani nnye wo nkwagye mu.+   Mɛto dwom ama Yehowa efisɛ ɔne me adi no yiye.+

Ase Hɔ Nsɛm