Dwom 132:1-18

Ɔsoro-foro Dwom. 132  O Yehowa, kae Dawid+Animguase nyinaa;+   Sɛnea ɔkaa Yehowa ntam;+Sɛnea ɔkaa Yakob Tumfoɔ+ no ntam sɛ:+   “Merenkɔ me fie ntamadan mu.+Meremforo me mpa nkɔ me nnaso so,+   Meremma nna mma m’aniwa so,+Na anikum remma m’ani so,+   Kosi sɛ menya baabi ama Yehowa,+Na manya ntamadan kɛse ama Yakob Tumfoɔ no.”+   Hwɛ! Yɛate ho asɛm wɔ Efrata,+Yɛahu wɔ kwae asase so.+   Momma yɛnkɔ ne ntamadan kɛse no mu;+Momma yɛnkotow ne nan ntiaso anim.+   O Yehowa, sɔre kɔ wo homebea ɛ,+Wo ne w’ahoɔden Adaka no.+   Ma w’asɔfo nhyɛ trenee,+Na ma w’anokwafo nto ahurusi dwom.+ 10  W’akoa Dawid nti,+Nnan nea woasra no no ani.+ 11  Yehowa aka Dawid ntam,+Nokwarem no ɔrentwe nsan:+“Wo yafunu mu aba+Na mede no besi w’ahengua so.+ 12  Sɛ wo mma di m’apam so+Na wodi me nkaesɛm a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,+Wɔn mma nso bɛtenaW’ahengua so daa daa.”+ 13  Sion na Yehowa apaw;+Ɔpɛ sɛ ɔde yɛ ne tenabea:+ 14  “Eyi ne me homebea kosi daa;+Ɛha na mɛtena efisɛ ɛha na mepɛ.+ 15  Hyira na mehyira ne nnɔbae so.+Mɛma n’ahiafo anya aduan adi amee.+ 16  Nkwagye na mede befura n’asɔfo;+N’anokwafo bɛto ahurusi dwom. 17  Ɛhɔ na mɛma Dawid abɛn afifi.+Masiesie kanea ama nea masra no no.+ 18  Aniwu na mede befura n’atamfo;+Na ɔno de, n’ahemmotiri+ benya nkɔso.”+

Ase Hɔ Nsɛm