Dwom 135:1-21

135  Munyi Yah ayɛ!+Munyi Yehowa din ayɛ,+Yehowa nkoa, munyi no ayɛ,+   Mo a mugyina Yehowa fie,+Yɛn Nyankopɔn fie adiwo no.+   Munyi Yah ayɛ, efisɛ Yehowa ye.+Monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ.+   Yah apaw Yakob afa,+Na ɔde Israel ayɛ n’agyapade titiriw.+   Me de, minim sɛ Yehowa yɛ kɛse,+Na yɛn Awurade kyɛn anyame nyinaa.+   Nea ɛsɔ Yehowa ani biara, wayɛ+Wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne subun nyinaa mu.+   Ɔma osuwusiw fi asase ano nohoa kɔ soro;+Wayiyi akwan ama osu;+Ɔma mframa bɔ fi n’asan mu,+   Ɔno na okunkum Egypt mmakan,+Nnipa ne mmoa nyinaa.+   Ɔsomaa sɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wo mu, O Egypt;+Ɛbaa Farao ne ne nkoa nyinaa so;+ 10  Ɔno na ɔbobɔɔ aman bebree+Na okunkum ahene a wɔyɛ den,+ 11  Te sɛ Amorifo hene Sihon+Ne Basan hene Og;+Ɛne Kanaan ahenni nyinaa;+ 12  Ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade,+Na ɔde yɛɛ ne man Israel agyapade.+ 13  O Yehowa, wo din wɔ hɔ kosi daa.+O Yehowa, wo nkae wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.+ 14  Yehowa bedi ne nkurɔfo asɛm ama wɔn,+Na obehu ne nkoa mmɔbɔ.+ 15  Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+ 16  Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu hwee;+ 17  Wɔwɔ asõ, nanso wɔnte hwee.+Ɔhome biara nso nni wɔn anom.+ 18  Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn ara,+Obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.+ 19  O Israel fie, munhyira Yehowa.+O Aaron fie, munhyira Yehowa.+ 20  O Lewi fie, munhyira Yehowa.+Mo a musuro Yehowa nyinaa, munhyira Yehowa.+ 21  Nhyira nka Yehowa wɔ Sion;+Nea ɔte Yerusalem no.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm