Dwom 136:1-26

136  Monna Yehowa ase, efisɛ oye:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Monna anyame mu Nyankopɔn no ase:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Monna awuranom mu Awurade+ no ase:Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Aseda nka Nea ɔyɛ anwonwade ne nnwuma akɛse no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Aseda nka Nea ɔde nyansa yɛɛ ɔsoro no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Aseda nka Nea ɔde asase tim nsu so no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Aseda nka Nea ɔyɛɛ akanea akɛse no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Nea ɔyɛɛ owia a ɛhyerɛn adekyee no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+   Nea ɔyɛɛ ɔsram ne nsoromma sɛ ne nyinaa nhyerɛn anadwo no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 10  Aseda nka Nea ɔbobɔɔ Egypt mmakan no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 11  Nea oyii Israel fii wɔn mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 12  Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu na eyii wɔn:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa; 13  Aseda nka nea ɔpaee Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 14  Nea ɔmaa Israel faa mfinimfini no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 15  Nea ɔkaa Farao ne n’asraafodɔm guu Po Kɔkɔɔ no mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 16  Aseda nka Nea ɔmaa ne man faa sare so no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 17  Aseda nka Nea ɔbobɔɔ ahene akɛse no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 18  Nea okum ahene anuonyamfo no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 19  Okum Amorifo hene Sihon:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 20  Ɛne Basan hene Og:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 21  Nea ɔde wɔn asase mae sɛ agyapade no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 22  Ɔde yɛɛ n’akoa Israel agyapade:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 23  Nea ɔkaee yɛn wɔ yɛn abɛbrɛsɛ mu no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 24  Nea ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam mpɛn pii no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 25  Nea ɔma ɔhonam nyinaa aduan no:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+ 26  Monna ɔsoro Nyankopɔn no ase:+Na n’adɔe wɔ hɔ daa.+

Ase Hɔ Nsɛm