Dwom 137:1-9

137  Babilon nsubɔnten ho+​—ɛhɔ na yɛtenatenae.+Na bere a yɛkaee Sion no, yesui.+   Ɛhɔ nsuano nnua so+ naYɛde yɛn asanku sensɛnee.+   Ɛhɔ na wɔn a wɔafa yɛn nnommum no bisaa yɛn dwom,+Na yɛn afɛwdifo bisaa yɛn anigye dwom sɛ:+“Monto Sion nnwom no bi mma yɛn.”+   Yɛbɛyɛ dɛn ato Yehowa dwom+Wɔ ananafo asase so?+   O Yerusalem, sɛ me werɛ fi wo+ a,Ma me nsa nifa werɛ mfi biribiara yɛ.   Sɛ mankae wo a,+Sɛ mamma Yerusalem anhia me Ansen nea ɛma midi ahurusi biara a,+Ma me tɛkrɛma mfam me dodom.+   O Yehowa, kae+ Edom mma,+ Yerusalem sɛe da no nti;+Wɔn na wɔkae sɛ: “Munnwiriw ngu! Munnwiriw ngu nkosi ne fapem so!”+   O Babilon babea a wɔrebɛfow wo,+Anigye ne nea otua wo ka+Sɛnea wo ne yɛn dii no.+   Anigye ne nea obeso wo mma muDe wɔn apempem ɔbotan atetew wɔn mu.+

Ase Hɔ Nsɛm