Dwom 139:1-24

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom. 139  O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wunim me.+   Wo na wunim m’asetena mu ne me sɔre mu.+Woahu m’adwene fi akyirikyiri.+   M’akwantu ne me nnae mu, wo na wubu ho akontaa,+Na wunim m’akwan nyinaa.+   Asɛm no nni me tɛkrɛma so,+Nanso wo, Yehowa, wunim ne nyinaa dedaw.+   Woatwa me ho ahyia, m’anim ne m’akyi nyinaa;Wode wo nsa ato me so.   Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo.+Ɛwɔ soro ma me dodo sɛ mehu mu.+   Ɛhe na metumi afi wo honhom anim akɔ,+Na ɛhe na metumi aguan afi w’anim akɔ?+   Sɛ meforo kɔ soro a, wuni;+Na sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ Adamoa* mu a, ɛhɔ nso wowɔ hɔ.+   Sɛ mefa adekyee ntaban+Kɔtena ɛpo bun mu+ mpo a, 10  Ɛhɔ nso, wo nsa na ɛbɛkyerɛ me kwan,+Na wo nsa nifa aso me mu.+ 11  Sɛ nso meka sɛ: “Esum de, ɛbɛkata me so!”+ a,Ɛnde anadwo na ɛbɛdan hann wɔ me so.+ 12  Anka esum mpo renyɛ sum mma wo;+Anadwo bɛhyerɛn sɛ adekyee,+Na esum ayɛ sɛ hann.+ 13  Wo na woyɛɛ m’asaabo;+Wode me siee me maame yam.+ 14  Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.+Wo nnwuma yɛ nwonwa,+Na me kra nim saa yiye.+ 15  Me nnompe anhintaw wo+Bere a woyɛɛ me ahintawee mu,+Bere a wonwenee me asase yam tɔnn+ no. 16  Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me,+Na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu,Nna a wɔnwenee no,+Nanso na emu biako mpo nnya mmae. 17  Wo nsusuwii som bo ma me dɛn ara!+O Onyankopɔn, ne dodow nni ano!+ 18  Sɛ mise merekan a, anka ɛbɛdɔɔso mpo asen anhwea.+Sɛ minyan a, meda so ara wɔ w’anim.+ 19  O Onyankopɔn, sɛ worekum ɔdebɔneyɛfo ɛ!+Anka mogyahwiegufo+ befi me ho akɔ, 20  Wɔn na wɔkeka wo ho nsɛm sɛnea wɔn adwene kyerɛ wɔn;+W’atamfo no,+ wɔde wo din di agoru.+ 21  O Yehowa, mentan wɔn a wokyi wo kɔkɔkɔkɔ no anaa?+Wɔn a wɔtew wo so atua no, wɔn ho nyɛ me abofono anaa?+ 22  Ɔtan fitaa na metan wɔn.+Wɔyɛ m’atamfo ankasa.+ 23  O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu.+Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen,+ 24  Na hwɛ sɛ mmusu kwan bi wɔ me mu anaa,+Na fa me si mmeresanten kwan so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.