Dwom 14:1-7

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 14  Onipa a onni adwene ka wɔ ne komam sɛ:“Yehowa biara nni hɔ.”+Wɔadi asɛmmɔne,+ wɔayɛ akyide.Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+   Yehowa de, ofi soro hwɛ nnipa mma,+Sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔwɔ nhumu anaa, obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+   Wɔn nyinaa aman,+ wɔn nyinaa aporɔw;+Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,+Obiako mpo nni hɔ.+   Amumɔyɛfo mu biara nni nimdeɛ+ anaa,Enti na wɔmemene me man sɛnea wodi aduan yi?+Wɔmfrɛ Yehowa mpo.+   Ɛhɔ na ehu kɛse bɛka wɔn,+Efisɛ Yehowa wɔ treneefo abusua mu.+   Mugu mmɔborɔni anim ase wɔ ne tirimbɔ ho,Esiane sɛ Yehowa yɛ ne guankɔbea+ nti.   O sɛ Israel nkwagye befi Sion aba ɛ!+Sɛ Yehowa san boaboa ne man ano fi nkoasom mu ba a,+Ɛnde ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurusi.+

Ase Hɔ Nsɛm