Dwom 141:1-10

Dawid dwom. 141  O Yehowa, masu mafrɛ wo.+Yɛ ntɛm ma me.+Sɛ mefrɛ wo a, yɛ aso na tie me nne.+   Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam+ wɔ w’anim,+Na me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere aduan afɔre.+   O Yehowa, wɛn m’ano ma me;+Boa me ma menhwɛ m’anofafa pon ano.+   Mma me koma nnkɔ adebɔne biara so,+Na me ne nnipa a wɔyɛ amumɔyɛde+Ankodi nsɛmmɔne amumɔyɛ mu,+Na manni wɔn akɔnnɔduan.+   Sɛ ɔtreneeni bɔ me a, ɛbɛyɛ adɔe ama me;+Sɛ ɔka m’anim a, ɛbɛyɛ sɛ ngo wɔ me ti so,+Na me ti rempo.+Wɔn ahohia mu mpo, mɛbɔ mpae ama wɔn.+   Wɔatow wɔn atemmufo afi ɔbotan so agu,+Nanso wɔn a wɔte me nsɛm de, ɛyɛ wɔn dɛ.+   Sɛnea wɔpae gya ma ɛpete fam no,Saa ara na wɔapete yɛn nnompe Adamoa* kwan ano.+   Nanso, O Awurade Tumfoɔ Yehowa,+ wo na m’ani da wo so.+Wo na maguan abɛtoa wo.+Mma wɔmmfa me kra nnkɔ ɔsɛe mu.+   Gye me fi afiri a wɔasum me+Ne amumɔyɛfo mfiri mu.+ 10  Nnebɔneyɛfo nyinaa bɛtɔ wɔn ankasa atena mu,+Na me de, metwam.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.