Dwom 142:1-7

Maskil.* Dawid dwom; bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no.+ Mpaebɔ. 142  Meteɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me;+Misu mefrɛɛ Yehowa sɛ ɔnnom me.+   Mihwiee me dadwen guu n’anim daa,+Na mekaa m’ahohia wɔ n’anim daa nyinaa+   Bere a me honhom+ tɔɔ piti wɔ me mu no.Saa bere no na wunim m’akwan mu.+ Wɔasum afiri ahintaw me+Wɔ ɔkwan a menam so no so.+   Hwɛ nifa so na wubehuSɛ obi nni hɔ a obu me ho akontaa.+ Baabi a meguan afa abɔ me;+Obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ me kra akyi kwan.+   O Yehowa, misu mefrɛɛ wo sɛ boa me.+Mekae sɛ: “Wone me guankɔbea,+Me kyɛfa+ wɔ ateasefo asase so.”+   Tie me nkotɔsrɛ,+Efisɛ mabotow yiye.+ Gye me fi m’ataafo nsam,+Efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.+   Gye me kra fi afiase+Na menkamfo wo din.+ Ma atreneefo ntwa me ho nhyia,+Efisɛ wo ne me adi no yiye.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.